Leviticus 18:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Monni m’ahyɛdeɛ ne m’atemmusɛm so, na moyɛ saa a, monam so bɛnya nkwa.+ Mene Yehowa.+ Nehemia 9:29 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 29 Woka kyerɛɛ wɔn+ sɛ wɔnsan mmra wo mmara+ ho deɛ, nanso wɔdii ahantansɛm+ na wɔantie w’ahyɛdeɛ; na w’atemmusɛm nso,+ wɔyɛɛ ho bɔne,+ ɛno nso na sɛ obi di so a,+ ɔnam so nya nkwa. Wɔbuu nnua guu wɔn asom+ na wɔsensenee wɔn kɔn,+ na wɔantie.+ Hesekiel 20:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 “‘“Na mede m’ahyɛdeɛ+ maa wɔn, na memaa wɔhunuu m’atemmusɛm+ na ama onipa a ɔbɛdi soɔ no anya nkwa.+ Yohane 17:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Yei ne daa nkwa,+ sɛ wɔbɛhu+ wo, nokorɛ Nyankopɔn koro pɛ no,+ yie, ne deɛ wosomaa no no, Yesu Kristo.+ Romafoɔ 10:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Na Mose twerɛɛ sɛ onipa a ɔyɛ adetenenee wɔ Mmara no mu no nam so bɛnya nkwa.+ Galatifoɔ 3:12 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 Na Mmara no nnyina gyidie so, nanso “deɛ ɔdi soɔ no nam so bɛnya nkwa.”+
29 Woka kyerɛɛ wɔn+ sɛ wɔnsan mmra wo mmara+ ho deɛ, nanso wɔdii ahantansɛm+ na wɔantie w’ahyɛdeɛ; na w’atemmusɛm nso,+ wɔyɛɛ ho bɔne,+ ɛno nso na sɛ obi di so a,+ ɔnam so nya nkwa. Wɔbuu nnua guu wɔn asom+ na wɔsensenee wɔn kɔn,+ na wɔantie.+
11 “‘“Na mede m’ahyɛdeɛ+ maa wɔn, na memaa wɔhunuu m’atemmusɛm+ na ama onipa a ɔbɛdi soɔ no anya nkwa.+
3 Yei ne daa nkwa,+ sɛ wɔbɛhu+ wo, nokorɛ Nyankopɔn koro pɛ no,+ yie, ne deɛ wosomaa no no, Yesu Kristo.+