Asomafoɔ Nnwuma
2 Afei berɛ a Pentekoste*+ afahyɛ no rekɔ soɔ no, na wɔn nyinaa ahyiam faako, 2 na mpofirem ara wɔtee dede bi firii soro te sɛ mframa a ɛrebɔ dendeenden, na ɛgyegyee efie a na wɔte mu no mu nyinaa.+ 3 Na wɔhunuu kɛtrɛma bebree a ɛte sɛ egya+ a ayiyi mmaako mmaako, na ebi bɛsii wɔn mu biara so, 4 na honhom kronkron+ hyɛɛ wɔn nyinaa mãmã na wɔfirii aseɛ kaa kasa hodoɔ,+ sɛdeɛ honhom no maa wɔn hokwan sɛ wɔnkasa no.
5 Ɛbaa sɛ na Yudafoɔ, nyamesurofoɔ+ a wɔfiri ɔman biara a ɛwɔ ɔsoro ase mu, wɔ Yerusalem.+ 6 Enti, berɛ a wɔtee nnyegyeeɛ yi no, nnipadɔm bɛhyiaeɛ, na na wɔnhunu deɛ ɛrekɔ soɔ, ɛfiri sɛ wɔn mu biara tee sɛ wɔreka ɔno ara ne kasa. 7 Nokorɛm no, ɛyɛɛ wɔn nwanwa na wɔde ahodwirie kaa sɛ: “Hwɛ, yeinom a wɔrekasa yi nyinaa nyɛ Galileafoɔ+ anaa? 8 Na afei ɛyɛɛ dɛn na yɛn mu biara te kasa a wɔde woo no yi? 9 Partifoɔ ne Mediafoɔ+ ne Elamfoɔ+ ne wɔn a wɔtete Mesopotamia, ne Yudea+ ne Kapadokia,+ Ponto+ ne Asia mpɔtamu,+ 10 ne Frigia+ ne Pamfilia,+ Egypt ne Libia afã a ɛhwɛ Kirene, ne ahɔhoɔ a wɔfiri Roma aba, kyerɛ sɛ, Yudafoɔ ne wɔn a wɔasakra abɛyɛ Yudafoɔ,+ 11 Kretafoɔ+ ne Arabiafoɔ,+ yɛte sɛ wɔde yɛn kasa reka Onyankopɔn nneɛma akɛseɛ no ho asɛm.” 12 Aane, ɛyɛɛ wɔn nyinaa nwanwa na wɔn tirim yɛɛ wɔn kesenenee, na wɔbisabisaa wɔn ho sɛ: “Ɛdeɛn na yei kyerɛ?” 13 Nanso, afoforɔ dii wɔn ho fɛ na wɔfirii aseɛ kaa sɛ: “Bobesa dɔkɔdɔkɔ abo wɔn.”+
14 Na Petro ne dubaako+ no sɔre gyinaeɛ, na ɔmaa ne nne so ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Yudea mmarima ne mo a motete Yerusalem nyinaa,+ monhunu yei na montie me nsɛm. 15 Nokwasɛm nie, saa nnipa yi mmoroo nsa+ sɛdeɛ mosusuo no, ɛfiri sɛ ɛyɛ dɔn a ɛtɔ so mmiɛnsa.* 16 Na mmom yei na wɔnam odiyifoɔ Yoel so kaeɛ no sɛ, 17 ‘“Nna a ɛdi akyire no mu no,” Onyankopɔn na ɔseɛ, “Mɛhwie me honhom+ no bi agu honam ahodoɔ nyinaa so, na mo mma mmarima ne mo mma mmaa bɛhyehyɛ nkɔm na mo mmeranteɛ bɛnya anisoadehunu na mo mpanimfoɔ asõsõ adaeɛ;+ 18 na mɛhwie me honhom no bi agu me nkoa ne me mfenaa mpo so wɔ saa nna no mu, na wɔbɛhyɛ nkɔm.+ 19 Na mɛma anwanwadeɛ aba wiem wɔ soro na nsɛnkyerɛnne aba asase so wɔ fam, mogya ne egya ne wisie kumɔnn;+ 20 awia+ bɛdane sum na bosome adane mogya ansa na Yehowa da kɛseɛ a ɛkyɛn soɔ no aba.+ 21 Na obiara a ɔbɛbɔ Yehowa din afrɛ no no, wɔbɛgye no nkwa.”’+
22 “Israel mmarima, montie nsɛm yi: Yesu, Nasareni+ no, ɔbarima a Onyankopɔn afa anwanwadeɛ+ ne nsɛnkyerɛnne a ɔnam ne so yɛɛ no mo mu+ so ayi no adi akyerɛ mo pefee, sɛdeɛ mo ara monim no, 23 ɔno na monam mmaratofoɔ nsa so bɔɔ no duam yii no firii hɔ+ sɛ́ obi a wɔnam Onyankopɔn tirim agyina ne nim a ɔnim dada+ so ayi no ama no. 24 Nanso Onyankopɔn sanee owuo homa+ no, na ɔnyanee+ no, ɛfiri sɛ na ɛrentumi nkɔ so nkyekyere no.+ 25 Dawid ka ne ho asɛm sɛ: ‘Mehunu Yehowa m’anim daa; ɛfiri sɛ ɔwɔ me nsa nifa so na amma manhinhim da.+ 26 Yei nti m’akoma ani gyeeɛ na me kɛtrɛma dii ahurisie kɛse. Afei nso, me honam mpo bɛtena anidasoɔ mu;+ 27 ɛfiri sɛ worennya me kra wɔ Adamena* mu, na woremma wo nokwafoɔ nhunu porɔeɛ.+ 28 Woama mahunu nkwa kwan, wobɛma manya abotɔyam amee wɔ w’anim.’+
29 “Mmarima, anuanom, momma menka abusuapanin Dawid ho asɛm pen nkyerɛ mo, sɛ ɔwuiɛ+ na wɔsiee no na ne da wɔ yɛn nkyɛn de bɛsi nnɛ. 30 Enti, ɛsiane sɛ na ɔyɛ odiyifoɔ a ɔnim sɛ Onyankopɔn aka no ntam sɛ ɔde n’asene mu aba bi bɛsi n’ahennwa soɔ+ nti, 31 ɔhunu sieeɛ na ɔkaa Kristo wusɔreɛ ho asɛm sɛ wɔannya no Adamena mu na ne honam nso anhunu porɔeɛ.+ 32 Yesu yi na Onyankopɔn anyane no, na ɛyɛ nokwasɛm a yɛn nyinaa yɛ ho adansefoɔ.+ 33 Afei ɛsiane sɛ wɔmaa no so kɔɔ Onyankopɔn nsa nifa soɔ+ na ɔnyaa honhom kronkron a wɔhyɛɛ ho bɔ no firii Agya no hɔ+ nti, wahwie deɛ mohunu na moteɛ yi agu yɛn so. 34 Nokorɛm no, Dawid ankɔ soro,+ nanso ɔno ara kaa sɛ, ‘Yehowa ka kyerɛɛ me Wura sɛ: “Tena me nsa nifa+ 35 kɔsi sɛ mede w’atamfo bɛyɛ wo nan ase ntiasoɔ.”’+ 36 Enti ma Israel fie nyinaa nhunu ampa sɛ Onyankopɔn ayɛ Yesu yi a mobɔɔ no asɛndua mu+ no Awurade+ ne Kristo.”
37 Na wɔtee yei no, ɛwowɔɔ wɔn akomam+ na wɔka kyerɛɛ Petro ne asomafoɔ a aka no sɛ: “Mmarima, anuanom, ɛdeɛn na yɛnyɛ?”+ 38 Petro ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monsakra,+ na momma wɔmmɔ mo mu biara asu+ wɔ Yesu Kristo din+ mu na moanya bɔne fafirie,+ na mobɛnya honhom kronkron akyɛdeɛ+ a wɔde ma kwa no. 39 Bɔhyɛ+ no wɔ hɔ ma mo ne mo mma ne wɔn a wɔwɔ akyirikyiri+ nyinaa, dodoɔ biara a Yehowa yɛn Nyankopɔn bɛfrɛ wɔn aba ne nkyɛn no.”+ 40 Na ɔde nsɛm foforɔ pii dii adanseɛ fekɔfekɔ, na ɔkɔɔ so tuu wɔn fo sɛ: “Momma wɔnnye mo mfiri awoɔ ntoatoasoɔ a akontono yi mu.”+ 41 Enti wɔbɔɔ wɔn a wɔde anigyeɛ gyee n’asɛm no asu,+ na saa da no wɔde akra bɛyɛ mpem mmiɛnsa bɛkaa wɔn ho.+ 42 Na wɔkɔɔ so tuu wɔn ho sii hɔ maa asomafoɔ no nkyerɛkyerɛ, na wɔboom kyɛɛ nneɛma+ didiiɛ+ na wɔbɔɔ mpaeɛ.+
43 Nokorɛm no, ehu kaa ɔkra biara, na anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnne bebree nam asomafoɔ no so sisiiɛ.+ 44 Wɔn a wɔbɛyɛɛ agyidifoɔ no nyinaa hyiaam na wɔn nneɛma nyinaa yɛɛ kwasafodeɛ,+ 45 na wɔfirii aseɛ tontɔn deɛ wɔwɔ+ ne wɔn agyapadeɛ kyekyɛɛ deɛ wɔnyaeɛ no maa obiara, sɛdeɛ obiara ahiadeɛ teɛ.+ 46 Na wɔde akoma korɔ kɔɔ asɔrefie hɔ da biara da,+ na wɔdidii afie afie mu, na wɔde ahosɛpɛ+ ne akoma a emu teɛ na ɛdidiiɛ, 47 na wɔyii Onyankopɔn ayɛ, nyaa nnipa no nyinaa anim adom.+ Berɛ korɔ no ara mu no, Yehowa kɔɔ so de wɔn a ɔregye wɔn nkwa kaa wɔn ho+ daa.+