3 Enti anuanom, mo ara monhwehwɛ+ mo mu mmarima nson a mobɛtumi adi wɔn ho adanseɛ, nnipa a honhom ne nyansa ayɛ wɔn mã,+ na yɛmfa wɔn nsisi adwuma a ɛho hia yi so;
12 Wɔyii no adi kyerɛɛ wɔn sɛ ɛnyɛ wɔn ho na wɔsomeeɛ,+ na mmom mo na wɔde nneɛma a afei na wɔaka ho asɛm no resom mo,+ na wɔnam wɔn a wɔde honhom kronkron+ a wɔsoma firii soro kaa asɛmpa kyerɛɛ mo no so. Yeinom mu na abɔfoɔ pɛ sɛ wɔpɛɛpɛɛ.+