13 Nanso sɛ ɔno, nokorɛ no honhom no,+ ba a, ɔbɛkyerɛ mo kwan akɔ nokorɛ no nyinaa mu, ɛfiri sɛ ɔremmɔ ne tirim nkasa na mmom nsɛm a ɔteɛ no na ɔbɛka, na ɔbɛpae mu aka deɛ ɛreba akyerɛ mo.+
27 Na mo deɛ, ɔsra+ a monya firii ne hɔ no te mo mu, na ɛnhia sɛ obi kyerɛkyerɛ mo;+ mmom sɛdeɛ ɔsra a monya firii ne hɔ no kyerɛkyerɛ mo nneɛma nyinaa+ na ɛyɛ nokorɛ+ na ɛnyɛ atorɔ no, sɛdeɛ ɛkyerɛkyerɛɛ mo no, mo ne deɛ ɔsraa mo no nyɛ baako.+