24 “Adɛn nti na adeɛ nyinaa so Tumfoɔ no nhyɛɛ atemmuo berɛ ntoo hɔ,+
Na wɔn a wɔnim no no nso nhunuu ne nna?+
2 Ebinom piapia ahyeɛ;+
Wɔhwim mmoakuo, na wɔyɛn wɔn.
3 Wɔpamo nnyanka mfunumu;
Wɔgye okunafoɔ nantwie awowa.+
4 Wɔpia ohiani firi kwan so;+
Asase so mmɔborɔni nso de ne ho hunta.
5 Hwɛ! Sɛdeɛ serɛ so afunumu+ nenam no,
Saa na ɔfiri adi kɔ ne nnwuma so kɔpɛ aduane.
Na anwea pradaa so na ɔnya aduane ma ne mmarimaa.
6 Mfuo mu na ɔtwa mmoa aduane,
Na nnebɔneyɛfoɔ bobeturo mu na ɔfom nnɔbaeɛ ase.
7 Ɔde adagya na ɛda, ɔnni ntoma,+
Na hwee nkata ne ho wɔ awɔ+ mu.
8 Mmepɔ so subrane fɔ no,
Na dwankɔbea a ɛnni hɔ nti,+ ɔbotan ho na ɔfam.
9 Wɔhwim nnyanka firi nufoɔ ano,+
Na deɛ ɛfira mmɔborɔni nso, wɔgye no awowa.+
10 Ɔnenam adagya mu, ɔnni ntoma,
Na ɛkɔm a ɛde no nti, ɔsoasoa mmɛtem a aka aseɛ.+
11 Aboɔ ntam na ɔtena awiaberɛ;
Ɔtiatia nsã-kyi-amena mu, nanso sukɔm de no.+
12 Kuro no mu na wɔn a wɔrewuo no si apini ma wɔte no akyire hɔ,
Na wɔn a wɔapirapira wɔn nso akra team hwehwɛ mmoa;+
Nanso Onyankopɔn deɛ, ɛmfa ne ho.+
13 Abɔnefoɔ ate atua atia hann;+
Wɔanhunu n’akwan,
Na wɔantena n’atempɔn so.
14 Owudini sɔre awiaberɛ,
Ɔkum mmɔborɔni ne ohiani;+
Na ɛduru anadwo a, ɔdane korɔmfoɔ.+
15 Ɔwaresɛefoɔ ani deɛ,+ deɛ ɛtwɛn ara ne sɛ esum bɛduru anwummerɛ,+
Ɔka sɛ: ‘Ani biara renhu me!’+
Na ɔde nkatanimu kata n’anim.
16 Ɔkorɔmfoɔ tutu nkurɔfoɔ dan ase anadwo;
Ɔto ne ho pono mu awiaberɛ.
Ɔnhunu hann da.+
17 Anɔpa ayɛ sɛ sum kabii+ ama no,
Ɛfiri sɛ ɔnim sɛ esum kabii mu ahudeɛ bɛtumi aba mpofirem.
18 Nsuo twe no kɔ ntɛmntɛm.
Wɔbɛdome n’asase a ɔte so wɔ wiase.+
Ɔrennane nkɔ bobeturo mu.
19 Ɛpɛ ne ahuhuro hwim sukyerɛmma nsuo kɔ;
Saa na Adamena yɛ wɔn a wɔyɛ bɔne!+
20 Awotwaa werɛ bɛfiri no, na mmoaa bɛtu agu ne so adi ne nam,+
Wɔrenkae no bio.+
Na amumuyɔ bɛbubu sɛ dua.+
21 Obonini a ɔnwoɔ mpo, ɔyɛ no basabasa,
Na okunafoɔ+ nso, ɔnyɛ no yie.
22 Onyankopɔn de ne tumi bɛtwe ahoɔdenfoɔ akɔ;
Wɔbɛsɔre, na wɔnnim deɛ wɔn nkwa bɛyɛ.
23 Ɔbɛma wɔanya ahotɔsoɔ+ na wɔahyɛ wɔn ho den;
Na n’ani bɛhwɛ wɔn akwan.+
24 Wɔduru deɛ ɛkorɔn, na ɛyɛ kakra pɛ, na wɔnni hɔ bio,+
Wɔbɛbrɛ wɔn ase;+ wɔbɛpempane wɔn sɛdeɛ wɔyɛ obiara no,
Na wɔbɛtwa wɔn agu sɛ ayuo mmɛtem.
25 Enti hwan na ɔbɛka sɛ meyɛ ɔtorofoɔ
Anaa ɔbɛka sɛ deɛ mereka yi yɛ nsɛnhunu?”