Dwom 109:16 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 16 Ɛfiri sɛ wankae anyi adɔeɛ adi,+Na mmom ɔtaa mmɔborɔni ne ohiani+Ne deɛ n’akoma abotoɔ, pɛɛ sɛ ɔku no.+ Mmebusɛm 22:16 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 16 Deɛ ɔsisi ohiani de nya ne ho,+ ne deɛ ɔyɛ ɔdefoɔ yie no, ohia na ɛbɛhia wɔn.+ Yesaia 10:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 Wɔyɛ saa de pia ahiafoɔ firi atemmuo ho, na wɔhwim atɛntenenee firi me man mu abrɛfoɔ nsam;+ akunafoɔ adane wɔn asadeɛ na wɔfom nnyanka!+ Amos 8:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 “Montie, mo a mofee mo sẽ kyerɛ ohiani+ na mosɛe asase so ahobrɛasefoɔ,+ Yakobo 5:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Hwɛ! Akatua a ɛsɛ sɛ mode ma adwumayɛfoɔ a wɔtwaa mo afuo mu nnɔbaeɛ a mode akame wɔn+ no reteam,+ na atwafoɔ no sufrɛ+ aduru asafo Yehowa asom.+
16 Ɛfiri sɛ wankae anyi adɔeɛ adi,+Na mmom ɔtaa mmɔborɔni ne ohiani+Ne deɛ n’akoma abotoɔ, pɛɛ sɛ ɔku no.+
2 Wɔyɛ saa de pia ahiafoɔ firi atemmuo ho, na wɔhwim atɛntenenee firi me man mu abrɛfoɔ nsam;+ akunafoɔ adane wɔn asadeɛ na wɔfom nnyanka!+
4 Hwɛ! Akatua a ɛsɛ sɛ mode ma adwumayɛfoɔ a wɔtwaa mo afuo mu nnɔbaeɛ a mode akame wɔn+ no reteam,+ na atwafoɔ no sufrɛ+ aduru asafo Yehowa asom.+