23 Ɛnna Hiob buaa sɛ:
2 “Ɛnnɛ deɛ, m’adwendwene+ ama madane otuatefoɔ;
Na m’apinisie nti, me basa mu ago.
3 O sɛ anka menim baabi a mɛhu no ɛ!+
Anka mɛkɔ ne tenabea hɔ.+
4 Anka mede m’asɛm bɛto n’anim,
Na mede nsɛm pii ayi me ho ano;
5 Anka mɛhunu nsɛm a ɔde bɛbua me,
Na masusu deɛ ɔbɛka akyerɛ me ho.+
6 Anka ɔde n’ahoɔden dodoɔ no ne me bɛdi asie anaa?
Dabida! Anka tie na ɔbɛtie me.+
7 Ɛhɔ na teefoɔ ne Onyankopɔn bɛsiesie nsɛm,
Na mɛdi bem me temmufoɔ anim afebɔɔ.
8 Hwɛ! Mekɔ apueeɛ, nanso ɔnni hɔ;
Mesan m’akyi, nanso menhu no;+
9 Mekɔ benkum, baabi a ɔyɛ adwuma, nanso m’ani nhu no;
Ɔmane fa nifa, nanso menhu no.
10 Ɔno deɛ, ɔnim kwan a menam soɔ.+
Sɛ ɔsɔ me hwɛ wie a, me ho bɛfi sɛ sika.+
11 Me nan tintim n’anammɔn mu;
Ne kwan so na mefa, na mentere ho.+
12 N’anom mmara, mentwe me ho mfiri ho.+
Mede n’anom nsɛm asie+ asene deɛ ɔhwehwɛ firi me hɔ nyinaa.
13 N’adwene si pi, hwan na ɔbɛtumi asɔre atia no?+
Na deɛ ne kra pɛ no, ɔbɛyɛ.+
14 Ɛfiri sɛ deɛ wahyɛ ato hɔ ama me nyinaa ɔbɛyɛ,+
Na nneɛma a ɛtete saa deɛ, ɔyɛ pii.
15 Ɛno nti na me ho hiahia me n’anim yi;
Medwendwene ho a, na mesuro no.+
16 Ampa ara, Onyankopɔn ama m’akoma aboto,+
Na adeɛ nyinaa so Tumfoɔ no ama mahodwo.+
17 Esum mmaa menyɛɛ dinn,
Na sum kabii nkataa m’anim.