Hiob
22 Ɛnna Elifas a ɔfiri Teman no buaa sɛ:
2 “Ɔbarima so wɔ mfasoɔ ma Onyankopɔn?+
Anaa deɛ ɔwɔ nhunumu so wɔ mfasoɔ ma no?
3 Sɛ woyɛ ɔteneneeni a, ɛma adeɛ nyinaa so Tumfoɔ no ani gye anaa,+
Na mfasoɔ bi wɔ so ma no sɛ wo kwan yɛ pɛ?+
10 Ɛno nti na nnomaa mfidie atwa wo ho ahyia,+
Na akomatusɛm a ɛba mpofirem hunahuna woɔ no;
11 Ɛno nti na esum ato woɔ na wonhunu adeɛ,
Na nsuo pii abu afa wo soɔ no.
13 Nanso woka sɛ: ‘Ɛdeɛn koraa na Onyankopɔn nim?
Ɔbɛtumi afiri sum kabii mu abu atɛn anaa?
14 Mununkum akata ne so, na ɔnhunu adeɛ,
Ɔsoro kɔntɔnkrɔn so na ɔnanteɛ.’
15 Wobɛfa tete kwan so anaa,
Ɛkwan a amumuyɔfoɔ faa soɔ no?
16 Nnipa a wɔhwim wɔn kɔ ansa na wɔn berɛ asõ,+
Wɔn a wɔhwie wɔn fapem+ gu sɛ asutene;
17 Wɔn na wɔka kyerɛ nokorɛ Nyankopɔn sɛ: ‘Firi yɛn nkyɛn kɔ!+
Ɛdeɛn na adeɛ nyinaa so Tumfoɔ no bɛtumi ayɛ yɛn?’
19 Ateneneefoɔ bɛhunu na wɔadi ahurisie,+
Na deɛ ne ho nni asɛm bɛdi wɔn ho fɛ sɛ:
20 ‘Ampa ara wɔapepa yɛn atamfo afiri hɔ;
Na wɔn biribiara a aka nso, egya bɛhye.’
21 Fa wo ho bɔ no ɛ, na asomdwoeɛ mmra mo ntam;
Ɛno bɛma woanya nneɛma pa.
23 Sɛ wosan ba adeɛ nyinaa so Tumfoɔ no nkyɛn a,+ ɛbɛsi wo yie;
Sɛ wobɛyi amumuyɔ afiri wo ntomadan mu akɔ akyirikyiri,
24 Na wode sika amapa ahyɛ dɔteɛ mu,
Na wode Ofir sika+ ahyɛ nsuo ase abotan mu a,
25 Anka adeɛ nyinaa so Tumfoɔ no nso bɛyɛ sika amapa,
Ne dwetɛ amapa ama wo.+