Hiob
22 Ɛnna Elifas+ a ɔfiri Teman no kaa sɛ:
2 “Ɔbarima so wɔ mfasoɔ ma Onyankopɔn anaa?
Na obi a ɔwɔ nhunumu so wɔ mfasoɔ ma no anaa?+
3 Sɛ woyɛ ɔteneneeni a, adeɛ nyinaa so Tumfoɔ no deɛ, ɛfa ne ho bɛn?*
Na wokɔ so ma w’abrabɔ di mu a, mfasoɔ bɛn na ɔbɛnya?+
4 Wo nyamesuro nti, ɔbɛdi w’asɛm
Na watwe w’aso anaa?
6 Wogye awowa firi wo nuanom nkyɛn berɛ a ɛnsɛ sɛ wogyeɛ,
9 Nanso womaa akunafoɔ de nsapan kɔe,
Na nnyanka nso, wobubuu wɔn nsam.
10 Ɛno nti na mfidie* atwa wo ho ahyia,+
Na nneɛma a ɛyɛ hu a ɛba mpofirim hunahuna wo no.
11 Ɛno nti na esum kabii aba a wontumi nhunu adeɛ no.
Na ɛno nso nti na nsuo ayiri akata wo so no.
12 Ɛnyɛ ɔsorosoro na Onyankopɔn wɔ anaa?
Na hwɛ sɛdeɛ nsoromma nyinaa wɔ soro tɔnn.
13 Nanso woka sɛ: ‘Ɛdeɛn koraa na Onyankopɔn nim?
Ɔbɛtumi ahunu deɛ ɛwɔ sum kabii mu abu atɛn anaa?
15 Wobɛfa tete kwan a
Nnipabɔnefoɔ faa soɔ no so anaa?
17 Wɔka kyerɛɛ nokorɛ Nyankopɔn no sɛ: ‘Gyaa yɛn!’
Na wɔkaa sɛ, ‘Ɛdeɛn na adeɛ nyinaa so Tumfoɔ no bɛtumi ayɛ yɛn?’
18 Nanso Ɔno na ɔde nneɛma pa ahyɛ wɔn afie ma.
(Me deɛ, adwemmɔne a ɛte saa nni me tirim koraa.)
19 Ateneneefoɔ bɛhunu wei na wɔadi ahurisie,
Na wɔn a wɔn ho nni asɛm bɛdi wɔn ho fɛ sɛ:
20 ‘Wɔasɛe yɛn atamfo,
Na wɔn ho biribiara a aka nso, egya bɛhye.’
23 Sɛ wosan ba adeɛ nyinaa so Tumfoɔ no nkyɛn a, wobɛsan asi wo dada mu;+
Sɛ woyi deɛ ɛntene firi wo ntomadan mu,
24 Sɛ woto wo sika kɔkɔɔ* gu mfuturo mu,
Na woto Ofir sika kɔkɔɔ+ no gu subɔn* mu a,
25 Anka adeɛ nyinaa so Tumfoɔ no bɛba abɛyɛ wo sika kɔkɔɔ,*
Na ɔno ara nso abɛyɛ wo dwetɛ amapa.
26 Anka adeɛ nyinaa so Tumfoɔ no nti, w’ani bɛgye,
Na woama w’ani so akyerɛ Onyankopɔn.
27 Wobɛsrɛ no, na ɔbɛtie wo,
Na bɔ a woahyɛ no, wobɛtua.
28 Deɛ woabɔ wo tirim sɛ wobɛyɛ biara bɛyɛ yie,
Na hann bɛhyerɛn wɔ wo kwan so.
30 Ɔbɛgye wɔn a wɔn ho nni asɛm;
Enti sɛ wo nsa ho te a, sɛdeɛ ɛteɛ biara ɔbɛgye wo.”