Hiob
21 Ɛnna Hiob kaa sɛ:
2 “Monyɛ aso ntie m’asɛm yi yie,
Na momfa ɛno nkyekye me werɛ.
4 Onipa na meka me haw kyerɛ no anaa?
Sɛ saa a, anka m’aboterɛ* nsae anaa?
5 Monhwɛ me; montɛɛ mo anom nhwɛ me.
Momfa mo nsa nto mo ano.
6 Sɛ medwene ho a, na mayɛ basaa;
Ɛba saa a, na me ho repopo.
8 Daa wɔn mma wɔ wɔn anim,
Na wɔhu wɔn asefoɔ mpo.
10 Wɔn anantwinini foro anantwibedeɛ pɛ, na wɔanyinsɛn;
Wɔn anantwibedeɛ wo, na wɔmpɔn.
11 Wɔn mma mmarima tu mmirika wɔ abɔnten te sɛ nnwankuo,
Na wɔn mma hurihuri.
14 Nanso wɔka kyerɛ nokorɛ Nyankopɔn no sɛ, ‘Gyaa yɛn!
Yɛmpɛ sɛ yɛhunu w’akwan.+
15 Hwan ne adeɛ nyinaa so Tumfoɔ no a enti ɛsɛ sɛ yɛsom no?+
Na sɛ yɛhu no a, deɛn paa na yɛbɛnya?’+
16 Nanso menim sɛ wɔnni wɔn yieyɛ so tumi.+
Me ne nnebɔneyɛfoɔ nsusuiɛ* nni hwee yɛ.+
17 Mprɛ sɛn na wɔdum abɔnefoɔ kanea?+
Mprɛ sɛn na amanehunu to wɔn?
Mprɛ sɛn na Onyankopɔn sɛe wɔn wɔ n’abufuo mu?
18 Da bɛn paa na abɔnefoɔ yɛɛ sɛ serɛ a mframa rebɔ no?
Anaa da bɛn na ahum huu wɔn kɔɔ sɛ ntɛtɛ?
19 Onyankopɔn de onipa asotwe bɛto hɔ ama onipa no ara mma.
Nanso ma Onyankopɔn ntua onipa no nso ka mma ɔnhunu sɛdeɛ ɛteɛ.+
23 Obi wu berɛ a ɔwɔ ahoɔden paa,+
Berɛ a ɔnni haw biara na ne ho adwo no,+
24 Berɛ a ne srɛ ayeyɛ akɛseɛ,
Na ne nnompe mu ayɛ den* no.
28 Ɛfiri sɛ mobisa sɛ, ‘Onipa titire no fie wɔ he?
Na ɛhe na ntomadan a ɔbɔnefoɔ no tenaa mu no wɔ?’+
30 Ɛmmaa monhunuu sɛ ɔbɔnefoɔ fa ne ho di amanehunu da,
Na wɔgye no abufuo da anaa?
31 Hwan na ɔbɛka asi n’anim sɛ ne kwan nyɛ?
Na deɛ wayɛ no, hwan na ɔbɛtua ne so ka?
32 Sɛ wɔde no kɔto adamena mu a,
Wɔbɛsiri pɛ wɔ ne nna so.
33 Dɔteɛ ntoantoa a ɛwɔ bɔn mu bɛyɛ no dɛ,+
Na nnipa nyinaa bɛdi n’akyi,*+
Sɛdeɛ nnipa a wɔn dodoɔ nni ano dii n’anim no.
34 Enti adɛn nti na moma me awerɛkyekyerɛ hunu?+
Mo nsɛm a moka nyinaa, hwee nnim; nnaadaa nko ara!”