Yesaia 40:13, 14 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Hwan na wasusu Yehowa honhom,*Na hwan na ɔbɛtumi ayɛ ne fotufoɔ na wama no akwankyerɛ?+ 14 Hwan na ɔne no tuu agyina ansa na ɔrete biribi ase,Anaa ɔkyerɛ no atɛntenenee kwan,Anaa ɔkyerɛ no nimdeɛ,Anaa ɔma no hunu nteaseɛ kwan ankasa?+ Romafoɔ 11:34 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 34 Na “hwan na ɔnim Yehowa* adwene, anaasɛ hwan na ɔyɛ ne fotufoɔ?”+ 1 Korintofoɔ 2:16 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 16 Na “hwan na wahu Yehowa* adwene a ɔbɛtumi akyerɛkyerɛ no?”+ Na yɛn deɛ, yɛwɔ Kristo adwene.+
13 Hwan na wasusu Yehowa honhom,*Na hwan na ɔbɛtumi ayɛ ne fotufoɔ na wama no akwankyerɛ?+ 14 Hwan na ɔne no tuu agyina ansa na ɔrete biribi ase,Anaa ɔkyerɛ no atɛntenenee kwan,Anaa ɔkyerɛ no nimdeɛ,Anaa ɔma no hunu nteaseɛ kwan ankasa?+