Hiob 42:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Ɛbaa sɛ, Yehowa kaa nsɛm yi kyerɛɛ Hiob wieeɛ no, Yehowa ka kyerɛɛ Elifas a ɔfiri Teman no sɛ:“Me bo afu wo ne wo nnamfo mmienu+ no kɛse, ɛfiri sɛ moanka me ho nokwasɛm+ te sɛ m’akoa Hiob. Mmebusɛm 29:12 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 Sɛ sodifoɔ tie atosɛm a, n’asomfoɔ nyinaa bɛyɛ nnebɔneyɛfoɔ.+ Mmebusɛm 31:21 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 21 Ɔnsuro sɛ awɔ bɛde ne fiefoɔ, ɛfiri sɛ ne fiefoɔ nyinaa hyehyɛ ntadeɛ a emu yɛ duro.+
7 Ɛbaa sɛ, Yehowa kaa nsɛm yi kyerɛɛ Hiob wieeɛ no, Yehowa ka kyerɛɛ Elifas a ɔfiri Teman no sɛ:“Me bo afu wo ne wo nnamfo mmienu+ no kɛse, ɛfiri sɛ moanka me ho nokwasɛm+ te sɛ m’akoa Hiob.