Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ, sɛ wɔmfa sankuo nto no deɛ ɛtɔ so nwɔtwe so.+ Dawid dwom.
6 O Yehowa, nka m’anim w’abufuo mu,+
Na ntene me so w’abufuhyeɛ mu.+
2 Hu me mmɔbɔ, O Yehowa, na mahodwo.+
O Yehowa, sa me yareɛ+ na me nnompe mu ago.
3 Me kra aboto+ dodo;
Ɛnkɔsi da bɛn, O Yehowa?+
4 O Yehowa, san bra+ na bɛgye me kra;+
W’adɔeɛ+ nti, gye me ɛ.
5 Obiara remmɔ wo din owuo mu;+
Na hwan na ɔbɛkamfo wo Adamena mu?+
6 M’apinisie ama mabrɛ;+
Me mpa fɔ+ anadwo mũ nyinaa;
Mede nisuo dware me mpa.+
7 Ahometeɛ ama m’ani ayɛ wisiwisi,+
Ayɛ kusuu, m’atamfo dodoɔ nti.+
8 Amumuyɔfoɔ nyinaa, momfiri me so nkɔ,+
Na Yehowa bɛte me su.+
9 Yehowa bɛtie me nkotɔsrɛ;+
Yehowa bɛbua me mpaebɔ.+
10 M’atamfo nyinaa ani bɛwu+ pɔtɔɔ na wɔayɛ basaa;
Wɔbɛsan wɔn akyi, wɔn ani bɛwu ntɛm pa ara.+