Mmebusɛm
1 Israel hene+ Solomon,+ Dawid+ ba no mmebusɛm+ nie; 2 sɛ nnipa mfa nhunu nyansa+ ne ntenesoɔ,+ mfa nhunu nsɛm a emu dɔ+ mu, 3 mfa nnya ntenesoɔ+ a ɛma nhunumu,+ tenenee,+ atemmuo+ ne teeyɛ,+ 4 na ogyimfoɔ mfa nsua aniteɛ,+ na aberanteɛ nnya nimdeɛ+ na ɔmfa adwene.+
5 Onyansafoɔ bɛtie na ne nimdeɛ adɔɔso,+ na onimdefoɔ anya akwankyerɛ pa,+ 6 ate mmɛ ne kasakoa+ ne anyansafoɔ nsɛm+ ne aborɔme ase.+
7 Yehowa suro ne nimdeɛ mfitiaseɛ.+ Nkwaseafoɔ bu nyansa ne ntenesoɔ animtia.+
8 Me ba, tie wo papa ntenesoɔ,+ na mpo wo maame mmara.+ 9 Ɛfiri sɛ ɛte sɛ nhwiren abotire fɛfɛ a ɛbɔ wo ti+ ne kɔnmuadeɛ a ɛyɛ fɛ wɔ wo kɔn mu.+
10 Me ba, sɛ abɔnefoɔ pɛ sɛ wɔdaadaa wo a, mpene.+ 11 Wɔbɛka sɛ: “Bra ma yɛnkɔ. Ma yɛnkɔhunta nhwie mogya ngu.+ Ma yɛnkɔtɛ wɔn a wɔn ho nni asɛm kwa.+ 12 Ma yɛmmemene wɔn anikan+ te sɛ deɛ wɔrekɔ Adamena* mu,+ ma yɛmmene wɔn prɛko te sɛ deɛ wɔrekɔ amena mu.+ 13 Ma yɛnhwehwɛ nneɛma a ne boɔ yɛ den nyinaa bi.+ Ma yɛmfa asadeɛ+ nhyɛ yɛn afie mã. 14 Bra bɛka yɛn ho, na yɛn nyinaa nnya sika kotokuo baako.”+ 15 Sɛ wɔka saa a, me ba, wo ne wɔn nnkɔ.+ Nkɔfa wɔn kwan so.+ 16 Wɔn nan yɛ hare kɔdi bɔne,+ na wɔtu mmirika kɔka mogya gu.+ 17 Sɛ wɔde atena sum nnomaa fidie ma wɔhunu a, ɛyɛ kwa.+ 18 Enti wɔtɛ wɔn hwehwɛ wɔn mogya;+ wɔhunta hwehwɛ wɔn kra.+ 19 Saa na obiara a ɔpɛ mfaso bɔne+ no akwan teɛ. Ɛma wɔn kra firi wɔn nsa.+
20 Nyansa+ team daa wɔ mmorɔno so.+ Ɛma ne nne so daa wɔ mmɔnten so.+ 21 Ɛteam wɔ dwam.+ Ɛka ne nsɛm wɔ kuro apono ano sɛ:+
22 “Agyimfoɔ, mobɛpɛ agyimisɛm akɔsi da bɛn?+ Na mo, afɛdifoɔ, mobɛdi fɛ akɔsi da bɛn?+ Na mo, nkwaseafoɔ, mobɛkyiri nimdeɛ akɔsi da bɛn?+ 23 Sɛ mekasa kyerɛ mo a, montie na monsesa mo akwan.+ Ɛno na mɛma mo me tumi+ na mama moahunu me nsɛm.+ 24 Ɛsiane sɛ mafrɛ na moantie,+ matene me nsa na obiara ammua,+ 25 na moamfa m’afotuo anyɛ hwee,+ na moapo me kasakyerɛ nti,+ 26 me nso sɛ mohunu amane a mɛsere mo,+ na deɛ mosuro ba mo so a, mɛdi mo ho fɛ,+ 27 sɛ deɛ mosuro ba mo so sɛ ahum, na mo amanehunu ba sɛ mframa denden,+ na ɔhaw ne abɛbrɛsɛ ba mo so+ a, mɛdi mo ho fɛ. 28 Saa berɛ no wɔbɛkɔ so afrɛ me, na merennye so;+ wɔbɛkyini ahwehwɛ me, na wɔrenhu me,+ 29 ɛfiri sɛ wɔkyirii nimdeɛ+ na wɔampɛ Yehowa suro.+ 30 Wɔantie m’afotuo,+ na me kasakyerɛ nso, wɔamfa anyɛ hwee.+ 31 Enti wɔbɛdi wɔn kwan so aba,+ na wɔn agyina a wɔtutuiɛ amee wɔn.+ 32 Na agyimfoɔ akobɔsɛm+ bɛku wɔn,+ na nkwaseafoɔ ahohwisɛm bɛsɛe wɔn.+ 33 Deɛ ɔtie me no deɛ, ɔbɛtena hɔ komm+ na ne ho adwo no a ɔnsuro mmusuo.”+