2 Berɛsosɛm 24:19 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 19 Yehowa somaa adiyifoɔ+ baa wɔn mu sɛ wɔnsan mmra ne nkyɛn; wɔkasa kyerɛɛ wɔn daa, nanso wɔantie.+ Mmebusɛm 5:12 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 na woanka sɛ: “Ao, hwɛ sɛdeɛ metanee ntenesoɔ+ na m’akoma buu kasakyerɛ animtia!+ Yohane 3:20 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 20 Na obiara a ɔyɛ akyiwadeɛ+ no tan hann, na ɔmma hann ho na wɔanyi ne nnwuma ho ntɛn.+