Mmebusɛm 4:16 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 16 Wɔnna, gye sɛ wɔadi bɔne,+ wɔntumi nna, gye sɛ wɔama obi ahwe ase.+ Mmebusɛm 6:18 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 18 akoma a ɛbɔ pɔ bɔne,+ ɛnan a ɛtu mmirika kɔ bɔne mu,+ Mmebusɛm 19:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 Ɔkra a nimdeɛ abɔ no nyɛ,+ na deɛ ɔpere ne ho wɔ ne nanteɛ mu no yɛ bɔne.+