12 Yeinom ne abotan a ahunta nsuo ase a wɔne mo bom didi wɔ mo dɔ adidie ase,+ nnwanhwɛfoɔ a wɔdwene wɔn ara wɔn yafunu ho a wɔnsuro adeɛ;+ mununkum a nsuo nnim+ a mframa+ de di akɔneaba; nnua a twaberɛ aduro nanso ɛnso aba, awuwu mprenu, ne nhini atutu;+