Adiyisɛm
1 Yesu Kristo adiyie nsɛm+ a Onyankopɔn de maa no+ sɛ ɔnkyerɛ ne nkoa+ nneɛma a ɛtwa sɛ ɛba ntɛm.+ Na ɔsomaa ne bɔfoɔ+ na ɔnam nsɛnkyerɛnne+ so de maa n’akoa Yohane+ 2 a ɔdii asɛm a Onyankopɔn de maeɛ ne adanseɛ a Yesu Kristo de maeɛ, kyerɛ sɛ deɛ ɔhunuiɛ nyinaa, ho adanseɛ no.+ 3 Anigyeɛ+ ne deɛ ɔkenkan nkɔmhyɛ+ yi mu nsɛm no den+ ne wɔn a wɔtie na wɔdi deɛ wɔatwerɛ no mu no soɔ;+ na berɛ a wɔahyɛ no abɛn.+
4 Yohane de kɔma asafo nson+ a ɛwɔ Asia mantam mu no:
Adom ne asomdwoeɛ mfiri “Deɛ na ɔwɔ hɔ, na ɔda so wɔ hɔ a ɔreba,”+ ne ahonhom nson+ a ɛwɔ n’ahennwa no anim, 5 ne Yesu Kristo, “Ɔdanseni Nokwafoɔ no,”+ “awufoɔ mu abakan,”+ ne “asase so ahemfo Sodifoɔ”+ no hɔ, nka mo.
Deɛ ɔdɔ yɛn+ na ɔnam ɔno ara ne mogya so sanee yɛn firii yɛn bɔne mu+— 6 na wayɛ yɛn ahemman+ ne asɔfoɔ+ ama ne Nyankopɔn ne n’Agya no—aane, ɔno na animuonyam ne tumi nyɛ ne dea daa.+ Amen.
7 Hwɛ! Ɔnam mununkum mu reba,+ na aniwa nyinaa bɛhu no,+ ne wɔn a wɔhwiree ne mu no;+ na ne nti, asase so mmusuakuo nyinaa de awerɛhoɔ bɛbobɔ wɔn kokom.+ Aane, Amen.
8 “Mene Alfa ne Omega,”*+ Yehowa Nyankopɔn na ɔseɛ, “Deɛ na ɔwɔ hɔ, na ɔda so wɔ hɔ a ɔreba,+ adeɛ nyinaa so Tumfoɔ no.”+
9 Me Yohane, mo nua a ɔne mo nyinaa nya kyɛfa wɔ ahohiahia+ ne ahennie+ ne boasetɔ+ mu wɔ Yesu mu,+ mekɔpuee supɔ a wɔfrɛ no Patmo so Onyankopɔn ho asɛm a mekaeɛ ne Yesu ho adanseɛ a mediiɛ nti.+ 10 Mebaa+ Awurade da+ no mu honhom mu,+ na metee nne+ kɛseɛ bi wɔ m’akyi sɛ totorobɛnto 11 a ɛse: “Deɛ wohunu no twerɛ+ no nwoma mu kɔma asafo nson+ a ɛwɔ Efeso+ ne Smirna+ ne Pergamo+ ne Tiatira+ ne Sardi+ ne Filadelfia+ ne Laodikea.”+
12 Na medanee m’ani sɛ merehwɛ nne a ɛne me rekasa no, na medanee m’ani no, mehunuu sika nkaneadua+ nson 13 ne obi a ɔte sɛ onipa ba+ wɔ nkaneadua no mfimfini a ɔhyɛ atadeɛ a ɛsi ne nan ase, na sika abɔsoɔ bɔ ne koko so. 14 Afei nso, na ne tiri nwi hoa te sɛ odwan nwi fitaa,+ te sɛ sukyerɛmma, na n’ani te sɛ gyaframa;+ 15 na ne nan te sɛ kɔbere fɛfɛ+ a adɔ wɔ fononoo mu; na ne nne+ te sɛ nsuo bebree a ɛreworo soɔ. 16 Na nsoromma nson+ wɔ ne nsa nifa mu, na nkrantɛ anofanu nnamnam+ firi n’anom pue, na n’anim te sɛ awia a abɔ dendeenden.+ 17 Berɛ a mehunuu no no, mehwee ne nan ase te sɛ obi a wawuo.
Ɛnna ɔde ne nsa nifa too me so kaa sɛ: “Nsuro.+ Mene Odikanfoɔ+ ne Okyikafoɔ,+ 18 ne ɔteasefoɔ no;+ na mewuiɛ,+ nanso, hwɛ! mete ase daa daa,+ na mekura owuo+ ne Adamena*+ safoa. 19 Enti twerɛ deɛ wohunuiɛ, ne deɛ ɛwɔ hɔ ne deɛ ɛbɛba yeinom akyi no to hɔ.+ 20 Ahuntasɛm kronkron a ɛfa nsoromma nson+ a wohunuu no me nsa nifa mu no ho, ne sika nkaneadua nson+ no ho deɛ: Nsoromma nson no yɛ asafo nson no abɔfoɔ no, na nkaneadua nson no yɛ asafo nson.+