Ɔsɛnkafoɔ
9 Mede yei nyinaa hyɛɛ m’akomam, sɛ mɛhwehwɛ ne nyinaa mu,+ ɛne sɛ, ateneneefoɔ ne anyansafoɔ nnwuma wɔ nokorɛ Nyankopɔn nsam.+ Adasamma nnim ɔdɔ ne ɔtan a aba atwam.+ 2 Nnipa nyinaa yɛ pɛ, na ade korɔ na wɔn nyinaa wɔ.+ Awieeɛ korɔ+ na ɛda hɔ ma ɔteneneeni+ ne ɔdebɔneyɛfoɔ,+ onipa pa ne ɔhotefoɔ ne deɛ ne ho nteɛ, deɛ ɔbɔ afɔdeɛ ne deɛ ɔmmɔ afɔdeɛ nyinaa. Onipa pa ne ɔdebɔneyɛfoɔ nyinaa yɛ pɛ;+ deɛ ɔka ntam ne deɛ ɔsuro ntanka+ nso yɛ pɛ. 3 Yei ne ɔbrɛ hunu deɛ wɔyɛ no owia ase nyinaa mu, sɛ́ awieeɛ korɔ na ɛda hɔ ma obiara,+ enti nso na bɔne ahyɛ nnipa mma akoma mã;+ abɔdansɛm+ wɔ wɔn akomam, wɔn nkwa nna nyinaa, na wɔde kɔ owuo mu!+
4 Anidasoɔ wɔ hɔ ma obiara a wɔkan no fra ateasefoɔ, ɛfiri sɛ kraman a ɔte aseɛ+ yɛ sene gyata a wawuo.+ 5 Na ateasefoɔ nim sɛ wɔbɛwuwu;+ awufoɔ deɛ, wɔnnim biribiara,+ na wɔnni akatua biara bio, ɛfiri sɛ nnipa nkae wɔn bio.+ 6 Afei nso wɔn dɔ oo, wɔn tan oo, wɔn ninkuntwe oo, ayera dada,+ na wɔnni deɛ wɔyɛ no owia ase biara mu kyɛfa bio.+
7 Kɔ; fa anigyeɛ kɔdi w’aduane, na fa akoma pa nom wo nsã,+ ɛfiri sɛ nokorɛ Nyankopɔn ani asɔ wo nnwuma dada.+ 8 Ma wo ntadeɛ nyɛ fitaa+ berɛ nyinaa, na mma ngo mmpa wo tiri so.+ 9 Wo ne wo yere a wodɔ no ani nnye,+ wo nkwa nna huhuo a Onyankopɔn de ama wo owia ase, w’ahuhudeɛ nna nyinaa mu, ɛfiri sɛ ɛno ne wo kyɛfa wɔ asetena mu+ ne wo brɛ a wobrɛ owia ase no nyinaa mu. 10 Biribiara a wo nsa bɛka sɛ wobɛyɛ no, fa w’ahoɔden nyinaa yɛ,+ ɛfiri sɛ adwuma ne adwene ne nimdeɛ+ ne nyansa biara+ nni Adamena* mu+ a worekorɔ no.+
11 Mesan hwɛɛ owia ase na mehunuu sɛ ɛnyɛ ahoɔherɛfoɔ na wɔdi nkonim ammirikatuo mu,+ na ɛnyɛ ahoɔdenfoɔ na wɔdi nkonim ɛko mu,+ na ɛnyɛ anyansafoɔ na wɔnya aduane,+ na ɛnyɛ nhunumufoɔ na wɔnya ahonyadeɛ,+ na ɛnyɛ animdefoɔ na wɔnya nnipa anim adom;+ ɛfiri sɛ asiane to wɔn nyinaa berɛ a wɔnhwɛ kwan.+ 12 Na onipa+ nso nnim ne berɛ.+ Sɛdeɛ mpataa a wɔyi wɔn asau bɔne mu+ ne nnomaa a wɔyi wɔn fidie+ mu teɛ no, saa ara na da bɔne+ to nnipa mma prɛko pɛ,+ na ɛyi wɔn sɛ fidie.
13 Yei nso ne adeɛ a mehunuu no nyansa ho wɔ owia ase, na mehunuu sɛ ɛsõ: 14 Kuro ketewa bi wɔ hɔ a emu mmarima yɛ kakraa bi; ɔhenkɛseɛ bi bɛtwaa ho hyiaeɛ na ɔgyee ho aban akɛseɛ.+ 15 Ná onyansafoɔ hiani bi wɔ kuro no mu, na ɔde ne nyansa twitwa gyee kuro no.+ Nanso obiara ankae ohiani no.+ 16 Ɛnna mekaa sɛ: “Nyansa yɛ sene tumi;+ nanso wɔbu ohiani nyansa animtia, na wɔmfa n’asɛm nyɛ hwee.”+
17 Anyansafoɔ nsɛm a wɔka no brɛoo no, wɔtie+ sene nkwaseafoɔ hene nteateamu.+
18 Nyansa yɛ sene akodeɛ, na ɔdebɔneyɛfoɔ baako pɛ bɛtumi asɛe adepa bebree.+