15 Di afahyɛ no nnanson+ fa hyɛ Yehowa wo Nyankopɔn animuonyam baabi a Yehowa bɛkyerɛ no, ɛfiri sɛ Yehowa wo Nyankopɔn bɛhyira+ wo nnɔbaeɛ ne wo nsa ano adwuma nyinaa so. Enti deɛ wobɛyɛ ara ne sɛ wobɛma w’ani agyeɛ.+
17 nanso nokorɛm no, wannyae ne ho adansedie ɛfiri sɛ ɔyɛɛ papa,+ maa mo nsuo+ firii soro ne mmerɛ a aduane ba, na ɔde aduane ne abotɔyam hyɛɛ mo akoma mã.”+