Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Ɔsɛnkafoɔ 9
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

Ɔsɛnkafoɔ Nwoma No Mu Nsɛntitire

      • Awieeɛ korɔ na ɛwɔ hɔ ma obiara (1-3)

      • Owuo wɔ hɔ deɛ, nanso gye w’ani (4-12)

        • Awufoɔ nnim biribiara (5)

        • Worentumi nyɛ hwee wɔ Adamena mu (10)

        • Asiane to wɔn nyinaa (11)

      • Ɛnyɛ daa na nkurɔfoɔ hu nyansa so mfasoɔ (13-18)

Ɔsɛnkafoɔ 9:1

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 33:3; 1Sa 2:9; Dw 37:5

Ɔsɛnkafoɔ 9:2

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ɔsɛ 5:15
  • +Ɔsɛ 8:10

Ɔsɛnkafoɔ 9:3

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “ɛno akyi no, wɔkɔ awufoɔ nkyɛn!”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Hio 3:17-19; Ɔsɛ 2:15

Ɔsɛnkafoɔ 9:4

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yes 38:19

Ɔsɛnkafoɔ 9:5

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ge 3:19; Ro 5:12
  • +Dw 88:10; 115:17; 146:4; Yes 38:18; Yoh 11:11
  • +Hio 7:9, 10; Ɔsɛ 2:16

Ɔsɛnkafoɔ 9:6

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “ninkuntwe.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ɔsɛ 9:10

Ɔsɛnkafoɔ 9:7

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “bobesa.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 12:7; Dw 104:15; Ɔsɛ 2:24
  • +De 16:15; Aso 14:17

Ɔsɛnkafoɔ 9:8

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Kyerɛ sɛ, ataadeɛ a ani da hɔ a wɔhyɛ no anigyeɛ da. Ɛnyɛ ataadeɛ a wɔde di awerɛhoɔ.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Da 10:2, 3

Ɔsɛnkafoɔ 9:9

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mme 5:18
  • +Ɔsɛ 5:18

Ɔsɛnkafoɔ 9:10

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma adamena. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Dw 115:17; 146:3, 4; Yes 38:18

Ɔsɛnkafoɔ 9:11

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “biribi a wɔnhwɛ kwan.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Sa 17:50; Dw 33:16
  • +Ɔsɛ 2:15
  • +2Sa 17:23

Ɔsɛnkafoɔ 9:12

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “berɛ bɔne.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ɔsɛ 8:8; Yak 4:13, 14

Ɔsɛnkafoɔ 9:14

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Esie anaa fasuo a wɔgyina so ko anaa wɔde bɔ kuro ho ban.

Ɔsɛnkafoɔ 9:15

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ɔsɛ 9:11

Ɔsɛnkafoɔ 9:16

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mme 21:22; 24:5; Ɔsɛ 7:12, 19; 9:18
  • +Mr 6:3; 1Ko 2:8

Ɔsɛnkafoɔ 9:18

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yos 22:20; 1Ko 5:6; Heb 12:15

Bible Afoforɔ

Klike nkyekyɛmu bi so. Ɛbɛma woahunu asɛm korɔ no ara wɔ Bible afoforɔ mu.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

Ɔsɛnk. 9:1De 33:3; 1Sa 2:9; Dw 37:5
Ɔsɛnk. 9:2Ɔsɛ 5:15
Ɔsɛnk. 9:2Ɔsɛ 8:10
Ɔsɛnk. 9:3Hio 3:17-19; Ɔsɛ 2:15
Ɔsɛnk. 9:4Yes 38:19
Ɔsɛnk. 9:5Ge 3:19; Ro 5:12
Ɔsɛnk. 9:5Dw 88:10; 115:17; 146:4; Yes 38:18; Yoh 11:11
Ɔsɛnk. 9:5Hio 7:9, 10; Ɔsɛ 2:16
Ɔsɛnk. 9:6Ɔsɛ 9:10
Ɔsɛnk. 9:7De 12:7; Dw 104:15; Ɔsɛ 2:24
Ɔsɛnk. 9:7De 16:15; Aso 14:17
Ɔsɛnk. 9:8Da 10:2, 3
Ɔsɛnk. 9:9Mme 5:18
Ɔsɛnk. 9:9Ɔsɛ 5:18
Ɔsɛnk. 9:10Dw 115:17; 146:3, 4; Yes 38:18
Ɔsɛnk. 9:111Sa 17:50; Dw 33:16
Ɔsɛnk. 9:11Ɔsɛ 2:15
Ɔsɛnk. 9:112Sa 17:23
Ɔsɛnk. 9:12Ɔsɛ 8:8; Yak 4:13, 14
Ɔsɛnk. 9:15Ɔsɛ 9:11
Ɔsɛnk. 9:16Mme 21:22; 24:5; Ɔsɛ 7:12, 19; 9:18
Ɔsɛnk. 9:16Mr 6:3; 1Ko 2:8
Ɔsɛnk. 9:18Yos 22:20; 1Ko 5:6; Heb 12:15
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
  • Kenkan wɔ Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ (Asante) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
  • 17
  • 18
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Ɔsɛnkafoɔ 9:1-18

Ɔsɛnkafoɔ

9 Enti mede wei nyinaa hyɛɛ m’akomam, na mehuu sɛ ateneneefoɔ ne anyansafoɔ ne wɔn nnwuma wɔ nokorɛ Nyankopɔn no nsam.+ Nnipa nnim ɔdɔ ne ɔtan a na ɛwɔ hɔ ansa na wɔreba. 2 Awieeɛ korɔ no ara na ɛwɔ hɔ ma nnipa nyinaa,+ ɔteneneeni ne ɔbɔnefoɔ,+ apapafoɔ ne wɔn a wɔn ho teɛ ne wɔn a wɔn ho nteɛ, wɔn a wɔbɔ afɔreɛ ne wɔn a wɔmmɔ afɔreɛ. Apapafoɔ ne abɔnefoɔ nyinaa yɛ pɛ; deɛ ɔka ntam ne deɛ ɔsuro sɛ ɔbɛka ntam nso yɛ pɛ. 3 Wei ne ahometesɛm a ɛkɔ so wɔ wiase. Ɛne sɛ: Ɛsiane sɛ awieeɛ korɔ na ɛwɔ hɔ ma nnipa nyinaa nti,+ bɔne ahyɛ nnipa akoma ma. Na wɔn nkwa nna nyinaa, abɔdamsɛm wɔ wɔn akomam, na afei wɔwu!*

4 Anidasoɔ wɔ hɔ ma obiara a ɔka ateasefoɔ ho, ɛfiri sɛ kraman a ɔte ase yɛ sene gyata a wawuo.+ 5 Na ateasefoɔ nim sɛ wɔbɛwuwu,+ na awufoɔ deɛ, wɔnnim biribiara,+ na wɔnni akatua biara bio, ɛfiri sɛ nnipa nkae wɔn bio.+ 6 Afei nso, wɔn dɔ oo, wɔn tan oo, wɔn ahoɔyaa* oo, ayera dada, na deɛ wɔyɛ wɔ wiase biara, wɔnni mu kyɛfa bio.+

7 Kɔ, fa anigyeɛ kɔdi w’aduane, na fa anigyeɛ akoma nom wo nsã,*+ ɛfiri sɛ nokorɛ Nyankopɔn no ani asɔ wo nnwuma dada.+ 8 Ma wo ntaadeɛ nyɛ fitaa* berɛ nyinaa, na mma wo werɛ mmfi sɛ wode ngo bɛgu wo tirim.+ 9 Wo ne wo yere a wodɔ no nnye mo ani,+ wo nkwa nna a mfasoɔ biara nni so a Onyankopɔn de ama wo wɔ wiase, ɔbrɛguo nna no nyinaa mu. Ɛfiri sɛ ɛno ne wo kyɛfa wɔ asetena mu ne adwumaden a wobrɛ yɛɛ wɔ wiase no nyinaa mu.+ 10 Biribiara a wo nsa bɛka sɛ wobɛyɛ no, fa w’ahoɔden nyinaa yɛ, ɛfiri sɛ adwuma ne nhyehyɛeɛ ne nimdeɛ ne nyansa biara nni Adamena* mu+ a worekɔ no.

11 Mahunu biribi foforɔ nso wɔ wiase. Ɛne sɛ, ɛnyɛ daa na ahoɔherɛfoɔ di nkonim wɔ mmirikatuo mu, na ɛnyɛ ahoɔdenfoɔ na wɔdi nkonim ɛko mu,+ na ɛnyɛ daa na anyansafoɔ nya aduane, na ɛnyɛ daa na wɔn a wɔn adwenem dɔ nya ahodeɛ,+ na ɛnyɛ daa na ɛsi animdefoɔ yie;+ ɛfiri sɛ asiane* to wɔn nyinaa berɛ a wɔnhwɛ kwan. 12 Na onipa nnim ne berɛ.+ Sɛdeɛ asau bɔne yi mpataa na fidie yi nnomaa no, saa ara na asiane* to nnipa mma prɛko pɛ, na ɛyi wɔn sɛ fidie.

13 Mehunuu wei nso wɔ nyansa ho wɔ wiase, na ɛyɛɛ me nwanwa. 14 Ɛne sɛ, na kuro ketewa bi wɔ hɔ a emu mmarima yɛ kakraa bi. Na ɔhenkɛseɛ bi baa kuro no so bɛtwaa ho hyiae, na ɔtoo akoban* akɛseɛ faa ho nyinaa. 15 Ná ohiani bi wɔ kurom hɔ a ɔnim nyansa, na ɔde ne nyansa twitwa gyee kuro no. Nanso obiara ankae ohiani no.+ 16 Ɛnna mekaa sɛ: ‘Nyansa yɛ sene tumi;+ nanso nnipa bu ohiani nyansa animtia, na wɔmfa n’asɛm nyɛ hwee.’+

17 Ɛyɛ sɛ wobɛtie anyansafoɔ nsɛm a wɔka no brɛoo sene sɛ wobɛtie nkwaseafoɔ hene nteateamu.

18 Nyansa yɛ sene akodeɛ, nanso ɔbɔnefoɔ baako pɛ bɛtumi asɛe adepa bebree.+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane