Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Ɔsɛnkafoɔ 8
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

Ɔsɛnkafoɔ Nwoma No Mu Nsɛntitire

      • Nnipa a bɔne wɔ wɔn ho di tumi a (1-17)

        • Di ɔhene ahyɛdeɛ so (2-4)

        • Onipa di onipa so a, ɛwie no bɔne (9)

        • Sɛ wɔammu nneɛma bɔne ho atɛn ntɛm a (11)

        • Didi, nom, na gye w’ani (15)

Ɔsɛnkafoɔ 8:1

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “ɔnim biribi ase kyerɛ?”

Ɔsɛnkafoɔ 8:2

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Sa 5:3
  • +Mme 24:21, 22; Ro 13:1; Tit 3:1; 1Pe 2:13

Ɔsɛnkafoɔ 8:3

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “Nnyina bɔne biara afã.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ɔsɛ 10:4
  • +1Ah 1:5, 7; Mme 20:2

Ɔsɛnkafoɔ 8:4

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 2:24, 25

Ɔsɛnkafoɔ 8:5

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “bɔne.”

  • *

    Anaa “ɛne atemmuo.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ro 13:5; 1Pe 3:13
  • +1Sa 24:12, 13; 26:8-10; Dw 37:7

Ɔsɛnkafoɔ 8:6

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “ne atemmuo.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ɔsɛ 3:17

Ɔsɛnkafoɔ 8:8

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “home; mframa.”

  • *

    Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “wɔn bɔne rentumi nnye ɔbɔnefoɔ.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Dw 89:48

Ɔsɛnkafoɔ 8:9

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “wɔhunu amane; ɛkɔwie ɔhaw mu.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 1:13, 14; Mik 7:3

Ɔsɛnkafoɔ 8:10

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mme 10:7

Ɔsɛnkafoɔ 8:11

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Dw 10:4, 6
  • +1Sa 2:22, 23

Ɔsɛnkafoɔ 8:12

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Dw 34:9; 103:13; 112:1; Yes 3:10; 2Pe 2:9

Ɔsɛnkafoɔ 8:13

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Dw 37:10; Yes 57:21
  • +Hio 24:24

Ɔsɛnkafoɔ 8:14

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ɔsɛ 7:15
  • +Dw 37:7; 73:12

Ɔsɛnkafoɔ 8:15

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Dw 100:2
  • +Ɔsɛ 2:24; 3:12, 13

Ɔsɛnkafoɔ 8:16

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Ɛno nti, awia ne anadwo nyinaa, nnipa nna.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ɔsɛ 1:13; 7:25

Ɔsɛnkafoɔ 8:17

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ɔsɛ 3:11; Ro 11:33
  • +Hio 28:12; Ɔsɛ 7:24; 11:5

Bible Afoforɔ

Klike nkyekyɛmu bi so. Ɛbɛma woahunu asɛm korɔ no ara wɔ Bible afoforɔ mu.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

Ɔsɛnk. 8:22Sa 5:3
Ɔsɛnk. 8:2Mme 24:21, 22; Ro 13:1; Tit 3:1; 1Pe 2:13
Ɔsɛnk. 8:3Ɔsɛ 10:4
Ɔsɛnk. 8:31Ah 1:5, 7; Mme 20:2
Ɔsɛnk. 8:41Ah 2:24, 25
Ɔsɛnk. 8:5Ro 13:5; 1Pe 3:13
Ɔsɛnk. 8:51Sa 24:12, 13; 26:8-10; Dw 37:7
Ɔsɛnk. 8:6Ɔsɛ 3:17
Ɔsɛnk. 8:8Dw 89:48
Ɔsɛnk. 8:9Ex 1:13, 14; Mik 7:3
Ɔsɛnk. 8:10Mme 10:7
Ɔsɛnk. 8:11Dw 10:4, 6
Ɔsɛnk. 8:111Sa 2:22, 23
Ɔsɛnk. 8:12Dw 34:9; 103:13; 112:1; Yes 3:10; 2Pe 2:9
Ɔsɛnk. 8:13Dw 37:10; Yes 57:21
Ɔsɛnk. 8:13Hio 24:24
Ɔsɛnk. 8:14Ɔsɛ 7:15
Ɔsɛnk. 8:14Dw 37:7; 73:12
Ɔsɛnk. 8:15Dw 100:2
Ɔsɛnk. 8:15Ɔsɛ 2:24; 3:12, 13
Ɔsɛnk. 8:16Ɔsɛ 1:13; 7:25
Ɔsɛnk. 8:17Ɔsɛ 3:11; Ro 11:33
Ɔsɛnk. 8:17Hio 28:12; Ɔsɛ 7:24; 11:5
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
  • Kenkan wɔ Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ (Asante) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
  • 17
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Ɔsɛnkafoɔ 8:1-17

Ɔsɛnkafoɔ

8 Hwan na ɔte sɛ onyansafoɔ no? Na hwan na ɔnim sɛdeɛ wɔsɔ ɔhaw ano?* Onipa nyansa ma n’anim te, na sɛ waka n’anim asi so mpo a, ɛma ɔsere.

2 Mese: “Ntam a woaka Onyankopɔn nti,+ di ɔhene ahyɛdeɛ so.+ 3 Mpere wo ho mfiri ɔhene anim nkɔ.+ Mfa wo ho mfɔrefɔre bɔne biara,*+ na ɔbɛtumi ayɛ deɛ ɔpɛ biara, 4 ɛfiri sɛ ɔhene kasa a, na wakasa;+ na hwan na ɔbɛtumi aka akyerɛ no sɛ: ‘Deɛn na woreyɛ yi?’”

5 Deɛ ɔdi ahyɛdeɛ so no, ɔhaw* biara remma ne so,+ na onyansafoɔ akoma bɛhunu berɛ a ɛfata, ɛne sɛdeɛ wɔdi adeɛ biara ho dwuma.*+ 6 Adeɛ biara wɔ ne berɛ ne sɛdeɛ wɔdi ho dwuma,*+ ɛfiri sɛ nnipa haw dɔɔso. 7 Obiara nni hɔ a ɔnim deɛ ɛbɛba, enti hwan na ɔbɛtumi akyerɛ ɛkwan a ɛbɛfa so aba?

8 Onipa biara nni honhom* no so tumi, na ɔrentumi nsi honhom no kwan. Saa ara nso na obiara nni owuda so tumi.+ Sɛdeɛ wɔmma obiara mfa ne ho nni wɔ ɛko berɛ mu no, saa ara nso na bɔne remma wɔn a wɔdi bɔne no mfa wɔn ho nnie.*

9 Wei nyinaa mahunu, na mede m’akoma adi adwuma biara a wɔyɛ wɔ wiase no akyi. Saa berɛ no, mehuu sɛ onipa di onipa so ma ɛwie no bɔne.*+ 10 Na mehuu sɛ wɔresie abɔnefoɔ, wɔn a na wɔdi kronkronbea hɔ akɔneaba no. Nanso ankyɛ na nnipa werɛ fii wɔn wɔ kuro a na wɔdi bɔne wom no mu.+ Wei nso yɛ ahuhudeɛ.

11 Ɛsiane sɛ wɔmmu nneɛma bɔne ho atɛn ntɛm nti,+ nnipa asi wɔn bo sɛ wɔbɛdi bɔne.+ 12 Sɛ ɔbɔnefoɔ yɛ bɔne mprɛ ɔha, na ɔtena ase kyɛ mpo a, menim sɛ ɛbɛsi wɔn a wɔsuro nokorɛ Nyankopɔn no yie, suro a wɔsuro no nti.+ 13 Na ɔbɔnefoɔ deɛ, ɛrensi no yie,+ na ne nna a ɛte sɛ sunsum no,+ ɔrentumi mma no nyɛ tenten, ɛfiri sɛ ɔnsuro Onyankopɔn.

14 Ahuhudeɛ bi kɔ so wɔ asaase so. Ɛne sɛ: Ateneneefoɔ bi wɔ hɔ a, wɔyɛ wɔn te sɛ deɛ wɔayɛ bɔne.+ Na abɔnefoɔ bi nso wɔ hɔ a, wɔyɛ wɔn te sɛ deɛ wɔayɛ adetenenee.+ Mekaa sɛ wei nso yɛ ahuhudeɛ.

15 Enti mekaa sɛ anigyeɛ yɛ,+ ɛfiri sɛ adepa biara nni hɔ mma onipa wɔ wiase sene sɛ ɔbɛdidi na wanom na wagye n’ani. Berɛ a onipa yɛ adwumaden wɔ ne nkwa nna mu,+ nna a nokorɛ Nyankopɔn no de ama no wɔ wiase no, ɛsɛ sɛ ɔgye n’ani nso.

16 Mede m’akoma hwehwɛɛ nyansa, na mehwɛɛ sɛ mɛhunu nnwuma a ɛrekɔ so wɔ asaase so no nyinaa.+ Ɛno nti, awia ne anadwo nyinaa, na menna.* 17 Afei mesusuu nokorɛ Nyankopɔn no nnwuma nyinaa ho, na mehuu sɛ deɛ ɛkɔ so wɔ wiase no, nnipa ntumi nte aseɛ.+ Sɛ nnipa bɔ wɔn ho mmɔden sɛ deɛn koraa a, wɔrentumi nte aseɛ. Sɛ wɔka sɛ wɔnim nyansa mpo a, ɛnyɛ adeɛ a wɔbɛtumi ate aseɛ.+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane