8 Onipa biara nni honhom* no so tumi, na ɔrentumi nsi honhom no kwan. Saa ara nso na obiara nni owuda so tumi.+ Sɛdeɛ wɔmma obiara mfa ne ho nni wɔ ɛko berɛ mu no, saa ara nso na bɔne remma wɔn a wɔdi bɔne no mfa wɔn ho nnie.*
13 Afei montie, mo a moka sɛ: “Ɛnnɛ anaa ɔkyena yɛbɛtu kwan akɔ kuro yi so akɔdi afe wɔ hɔ, na yɛbɛdi dwa anya mfasoɔ,”+14 nanso monnim deɛ ɛbɛto mo ɔkyena.+ Moyɛ suwisie; ɛpue berɛ tiaa bi a na ayera.+