Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Ɔsɛnkafoɔ 10
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

Ɔsɛnkafoɔ Nwoma No Mu Nsɛntitire

      • Nkwaseasɛm kakra sɛe nyansa (1)

      • Woyɛ w’adwuma biarabiara a, ɛyɛ hu (2-11)

      • Nkwaseafoɔ awieeɛ; ɛyɛ mmɔbɔ sɛ (12-15)

      • Ahemfo nkwaseasɛm (16-20)

        • Anomaa bɛtĩ deɛ wokaeɛ no mu (20)

Ɔsɛnkafoɔ 10:1

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “Nwansena funu.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Nu 20:10, 12; 2Sa 12:9-11

Ɔsɛnkafoɔ 10:2

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “Onyansafoɔ akoma wɔ ne nifa.”

  • *

    Nt., “kwasea akoma wɔ ne benkum.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mme 14:8; 17:16

Ɔsɛnkafoɔ 10:3

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “n’akoma tɔ sin.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mme 10:23
  • +Mme 13:16; 18:7

Ɔsɛnkafoɔ 10:4

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “ɔhene honhom sɔre tia wo a; ɔhene home sɔre tia wo a.”

  • *

    Anaa “ano brɛ ase.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ɔsɛ 8:2, 3
  • +1Sa 25:23, 24; Mme 25:15

Ɔsɛnkafoɔ 10:5

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Sa 26:21; 1Ah 12:13, 14

Ɔsɛnkafoɔ 10:6

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “wɔn a wɔfata.”

Ɔsɛnkafoɔ 10:7

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mme 30:21-23

Ɔsɛnkafoɔ 10:8

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mme 26:27

Ɔsɛnkafoɔ 10:9

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “ɛhia sɛ ɔhwɛ ne ho yie.”

Ɔsɛnkafoɔ 10:11

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “kɛtrɛma no wura.”

Ɔsɛnkafoɔ 10:12

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 10:6, 8; Dw 37:30; Lu 4:22; Efe 4:29
  • +Dw 64:2, 8; Mme 10:14, 21; 14:3

Ɔsɛnkafoɔ 10:13

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Sa 25:10, 11

Ɔsɛnkafoɔ 10:14

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mme 10:19; 15:2
  • +Mme 27:1; Ɔsɛ 6:12; Yak 4:13, 14

Ɔsɛnkafoɔ 10:16

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “abɔfra.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 13:7; 36:9

Ɔsɛnkafoɔ 10:17

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mme 31:4, 5

Ɔsɛnkafoɔ 10:18

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “mpuna.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mme 21:25; 24:33, 34

Ɔsɛnkafoɔ 10:19

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “Paanoo.”

  • *

    Anaa “bobesa.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Dw 104:15; Ɔsɛ 9:7
  • +Ɔsɛ 7:12

Ɔsɛnkafoɔ 10:20

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Wo mpa so.”

  • *

    Anaa “mfrɛ mmusuo mma ɔhene so.”

  • *

    Nt., “aboa a ɔtu fa wiem.”

  • *

    Anaa “nnyegyeeɛ.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 22:28

Bible Afoforɔ

Klike nkyekyɛmu bi so. Ɛbɛma woahunu asɛm korɔ no ara wɔ Bible afoforɔ mu.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

Ɔsɛnk. 10:1Nu 20:10, 12; 2Sa 12:9-11
Ɔsɛnk. 10:2Mme 14:8; 17:16
Ɔsɛnk. 10:3Mme 10:23
Ɔsɛnk. 10:3Mme 13:16; 18:7
Ɔsɛnk. 10:4Ɔsɛ 8:2, 3
Ɔsɛnk. 10:41Sa 25:23, 24; Mme 25:15
Ɔsɛnk. 10:51Sa 26:21; 1Ah 12:13, 14
Ɔsɛnk. 10:7Mme 30:21-23
Ɔsɛnk. 10:8Mme 26:27
Ɔsɛnk. 10:121Ah 10:6, 8; Dw 37:30; Lu 4:22; Efe 4:29
Ɔsɛnk. 10:12Dw 64:2, 8; Mme 10:14, 21; 14:3
Ɔsɛnk. 10:131Sa 25:10, 11
Ɔsɛnk. 10:14Mme 10:19; 15:2
Ɔsɛnk. 10:14Mme 27:1; Ɔsɛ 6:12; Yak 4:13, 14
Ɔsɛnk. 10:162Be 13:7; 36:9
Ɔsɛnk. 10:17Mme 31:4, 5
Ɔsɛnk. 10:18Mme 21:25; 24:33, 34
Ɔsɛnk. 10:19Dw 104:15; Ɔsɛ 9:7
Ɔsɛnk. 10:19Ɔsɛ 7:12
Ɔsɛnk. 10:20Ex 22:28
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
  • Kenkan wɔ Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ (Asante) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
  • 17
  • 18
  • 19
  • 20
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Ɔsɛnkafoɔ 10:1-20

Ɔsɛnkafoɔ

10 Nwansena a wawuo* ma sradehwam a wɔafra no yie bɔn, na ɛsɛe. Saa ara na nkwaseasɛm kakra nso sɛe onyansafoɔ ne onimuonyamfoɔ din.+

2 Onyansafoɔ akoma de no fa ɛkwampa so,* na kwasea akoma deɛ, ɛde no fa kwammɔne so.*+ 3 Ɛkwan biara a kwasea fa so no, ɔnhunu nyansa,*+ na ɔma obiara hunu sɛ ɔyɛ kwasea.+

4 Sɛ ɔhene bo fu wo a,* mfiri baabi a wogyina,+ ɛfiri sɛ ɔdwoɔ ma bɔne akɛseɛ to twa.*+

5 Mahunu ahometesɛm bi a ɛkɔ so wɔ wiase. Ɛyɛ mfomsoɔ a atumfoɔ die.+ 6 Ɛne sɛ: Wɔama nkwaseafoɔ anya diberɛ akɛseɛ pii, na adefoɔ* deɛ, wɔama wɔn diberɛ a ɛwɔ fam.

7 Mahunu nkoa a wɔtete apɔnkɔ so berɛ a adehyeɛ nam fam te sɛ nkoa.+

8 Deɛ ɔtu amena no, ɔbɛtumi atɔ mu,+ na deɛ ɔdwiri aboɔ fasuo guo no, ɔwɔ bɛtumi aka no.

9 Deɛ ɔpae aboɔ no, ɛbɛtumi apira no, na deɛ ɔpae nnua no, ɛbɛtumi adi no awu.*

10 Sɛ obi dadeɛ ano wu na wanse a, gye sɛ ɔmia ne nsam. Na nyansa deɛ, ɛde nkonimdie ba.

11 Sɛ ɔwɔ ka obi wie ansa na nkonyaayifoɔ a waben* ama ɔwɔ no ayɛ dinn a, ɛnneɛ na mfasoɔ biara nni nkonyaayifoɔ no so.

12 Onyansafoɔ anom asɛm de adom ba,+ na kwasea ano deɛ, ɛsɛe ɔno ara.+ 13 N’anom asɛm a ɛdi kan yɛ nkwaseasɛm,+ na n’asɛm a ɛtwa toɔ yɛ abɔdamsɛm pɔtɔɔ. 14 Kwasea deɛ, n’ano nna.+

Onipa nnim deɛ ɛbɛba; hwan na ɔbɛtumi akyerɛ no deɛ ɛbɛba wɔ n’akyi?+

15 Kwasea adwumaden ma ɔbrɛ, ɛfiri sɛ ɛkwan a ɔbɛfa so akɔ kuro no mu mpo, ɔnnim.

16 Asaase a wo hene yɛ abarimaa,*+ na w’adehyeɛ hyɛ apontoɔ ase anɔpa no, due! 17 Asaase a wo hene yɛ ɔdehyeɛ ba, na wo mpanimfoɔ didi berɛ a ɛfata mu de pɛ ahoɔden, a wɔmfa nyɛ asaborɔ no, anigyeɛ ne wo!+

18 Akwadworɔ bebrebe nti, ɛdan so nnua* dwiri gu, na nsa a ɛda hɔ kwa nti, ɛdan nwunu.+

19 Aduane* ma nnipa sere, na nsã* ma asetena yɛ dɛ;+ nanso sika ma yɛnya deɛ yɛhia biara.+

20 W’adwenem* mpo, nnome ɔhene,*+ na nnome sikani wɔ ɛdan a woda mu no mu; ɛfiri sɛ anomaa* de asɛm* no bɛkɔ, na ntakraboa bɛtĩ deɛ wokaeɛ no mu.

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane