Deuteronomium 12:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Ɛhɔ na mo ne mo fiefoɔ nnidi wɔ Yehowa mo Nyankopɔn anim,+ na biribiara a mobɛyɛ no, momma mo ani nnye,+ ɛfiri sɛ Yehowa mo Nyankopɔn ahyira mo. Dwom 104:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 Ɔma ɔdasani nya nsã* ma n’akoma ani gye,+Ɔde ngo ma no ma n’anim yɛ sɔɔsɔɔ,Na ɔma ɔdasani aduane* ma no nya* ahoɔden.+ Ɔsɛnkafoɔ 2:24 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 24 Adepa biara nni hɔ mma onipa sene sɛ ɔbɛdidi na wanom na wanya anigyeɛ* afiri n’adwumaden mu.+ Wei nso mahunu sɛ ɛfiri nokorɛ Nyankopɔn no nsam.+
7 Ɛhɔ na mo ne mo fiefoɔ nnidi wɔ Yehowa mo Nyankopɔn anim,+ na biribiara a mobɛyɛ no, momma mo ani nnye,+ ɛfiri sɛ Yehowa mo Nyankopɔn ahyira mo.
15 Ɔma ɔdasani nya nsã* ma n’akoma ani gye,+Ɔde ngo ma no ma n’anim yɛ sɔɔsɔɔ,Na ɔma ɔdasani aduane* ma no nya* ahoɔden.+
24 Adepa biara nni hɔ mma onipa sene sɛ ɔbɛdidi na wanom na wanya anigyeɛ* afiri n’adwumaden mu.+ Wei nso mahunu sɛ ɛfiri nokorɛ Nyankopɔn no nsam.+