15 Di afahyɛ no nnanson+ fa hyɛ Yehowa wo Nyankopɔn animuonyam wɔ baabi a Yehowa bɛyi no, ɛfiri sɛ Yehowa wo Nyankopɔn bɛhyira wo nnɔbaeɛ+ ne deɛ woyɛ nyinaa so. Enti deɛ wobɛyɛ ara ne sɛ wobɛma w’ani agye.+
17 Nanso ɔkɔɔ so dii ne ho adanseɛ,*+ ɛfiri sɛ ɔyɛɛ nneɛma papa. Ɛne sɛ, ɔmaa nsuo tɔ firii soro maa mo, ɔmaa mo mmerɛ a aduane ba,+ ɔmaa mo aduane di meeɛ, na ɔde anigyeɛ hyɛɛ mo akoma ma.”+