Mmebusɛm 21:22 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 22 Onyansafoɔ bɛtumi aforo akatakyie kuro*Na wakɔsɛe ahoɔden a wɔde wɔn ho ato so no.+ Mmebusɛm 24:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Onyansafoɔ ho yɛ den,+Na nimdeɛ ma onipa ahoɔden dɔɔso. Ɔsɛnkafoɔ 7:12 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 Nyansa bɔ onipa ho ban+ sɛdeɛ sika nso bɔ onipa ho ban no.+ Nanso nimdeɛ so mfasoɔ nie: Nyansa kora ne wura nkwa so.+ Ɔsɛnkafoɔ 7:19 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 19 Nyansa ma onyansafoɔ yɛ den sene kuro mu mmarima ahoɔdenfoɔ du.+ Ɔsɛnkafoɔ 9:18 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 18 Nyansa yɛ sene akodeɛ, nanso ɔbɔnefoɔ baako pɛ bɛtumi asɛe adepa bebree.+
12 Nyansa bɔ onipa ho ban+ sɛdeɛ sika nso bɔ onipa ho ban no.+ Nanso nimdeɛ so mfasoɔ nie: Nyansa kora ne wura nkwa so.+