Yesaia
7 Usia ba Yotam ba Ahas+ a ɔyɛ Yuda hene no berɛ soɔ no, Siria hene Resin+ ne Remalia ba Peka+ a ɔyɛ Israel hene no baa sɛ wɔrebɛko atia Yerusalem, nanso wɔantumi kuro no.+ 2 Na wɔbɛbɔɔ Dawid fie amanneɛ sɛ: “Siria de ne ho atwere Efraim.”+
Na n’akoma ne ne man akoma wosoo te sɛ kwaeɛ mu nnua a mframa woso no.+
3 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Yesaia sɛ: “Mesrɛ wo, firi adi na wo ne wo ba Sear-Yasub*+ nkɔhyia Ahas. Wobɛhu no wɔ atifi fam tadeɛ no suka ho,+ ɔtempɔn a ɛkɔ ntomasifoɔ asase soɔ no so.+ 4 Na ka kyerɛ no sɛ, ‘Hwɛ yie, mma biribiara nnha wo.+ Nsuro, na mma w’akoma nntu,+ nnyentia mmienu a ɛtu wisie yi nti, Resin ne Siria ne Remalia+ ba no abufuhyeɛ nti. 5 Nsuro sɛ Siria ne Efraim ne Remalia ba no abɔ wo ho pɔ bɔne sɛ: 6 “Momma yɛnkɔ Yuda so nkɔtete ne mu na yɛmmubu mfa, na yɛnsi Tabeel ba hene wɔ hɔ.”+
7 “‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Ɛrennyina, ɛremma so.+ 8 Siria ti ne Damasko, na Damasko ti ne Resin; mfeɛ aduosia nnum ntam wɔbɛbubu Efraim pasaa na anyɛ ɔman bio.+ 9 Efraim ti ne Samaria,+ na Samaria ti ne Remalia ba no.+ Sɛ monni gyidie a, morenkyɛ.”’”+
10 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Ahas sɛ: 11 “Bisa Yehowa wo Nyankopɔn na ɔmma wo sɛnkyerɛnne bi,+ sɛ ɛkɔ fam kɔduru Adamena* mu tɔnn anaa ɛkɔ soro kɔduru ɔsoro pɛɛ mpo a.” 12 Nanso Ahas kaa sɛ: “Meremmisa, na merensɔ Yehowa nhwɛ.”
13 Na ɔkaa sɛ: “Dawid fie, mesrɛ mo montie. Mosusu sɛ ɛyɛ ade ketewa sɛ mobɛhyɛ nnipa brɛ ɛnna moresan ahyɛ me Nyankopɔn brɛ yi?+ 14 Afei Yehowa no ara bɛma mo sɛnkyerɛnne: Hwɛ, ababaa+ no bɛnyinsɛn+ awo ɔbabarima+ na wato ne din Imanuel. 15 Berɛ a ɔbɛhunu sɛdeɛ wɔpo bɔne yi papa no,+ na ɔdi bɔta ne ɛwoɔ. 16 Ansa na abɔfra no bɛhunu sɛdeɛ wɔpo bɔne yi papa no,+ na wɔagya ahemfo mmienu a mosuro wɔn yi asase ato hɔ ama no ada mpan.+ 17 Yehowa de nna bi bɛba wo ne wo manfoɔ ne w’agya fie so,+ nna a ɛfiri berɛ a Efraim dane firii Yuda ho+ ebi mmaa da; ɛno ne Asiria hene.+
18 “Na saa da no, Yehowa bɛbɔ hwerɛma afrɛ nwansena a ɛwɔ Egypt Nil asuasu ano ne nwowa+ a ɛwɔ Asiria asase soɔ.+ 19 Wɔn nyinaa bɛba yuu abɛsisi nsubɔn kuronkuron ne abotan mu ntokuro mu ne nkasɛɛ so ne baabi a nsuo wɔ nyinaa.+
20 “Saa da no, Yehowa de yiwan a wɔabɔ no paa wɔ asubɔnten kɛseɛ no ho,+ kyerɛ sɛ Asiria hene,+ bɛyi etire ne nan ho nwi na awerɛ abɔdwesɛ mpo.+
21 “Ɛda no, onipa bɛkora nantwie ba baako ne nnwan mmienu so.+ 22 Na nufosuo bɛbu so ama wadi bɔta, ɛfiri sɛ bɔta ne ɛwoɔ+ na wɔn a wɔaka asase no soɔ nyinaa bɛdie.
23 “Saa da no, baabi a na bobe apem a ne boɔ yɛ nnwetɛbena apem+ wɔ no, ɛhɔ nyinaa bɛdane nkasɛɛ ne nkyɛkyerɛ.+ 24 Bɛmma ne agyan na ɔde bɛba hɔ,+ ɛfiri sɛ asase no nyinaa bɛdane nkasɛɛ ne nkyɛkyerɛ. 25 Na mmepɔ a kane no na wɔde asɔ adɔ so nwura bɔne nyinaa no, worenkɔ hɔ bio, nkasɛɛ ne nkyɛkyerɛ nti; na wɔbɛgyaa anantwie akɔ hɔ na nnwan adi aforosiane wɔ so.”+