Yesaia
7 Usia ba Yotam ba Ahas+ a ɔyɛ Yuda hene no berɛ so no, Siria hene Resin ne Remalia ba Peka+ a ɔyɛ Israel hene no baa sɛ wɔne Yerusalem rebɛko, nanso wɔantumi* anko amfa kuro no.+ 2 Na wɔbɛbɔɔ Dawid fie amanneɛ sɛ: “Siria ne Efraim aka wɔn ho abom.”
Na Ahas akoma ne ne man akoma wosoo te sɛ kwaeɛ mu nnua a mframa rewoso no.
3 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Yesaia sɛ: “Mesrɛ wo, firi adi na wo ne wo ba Sear-Yasub*+ nkɔhyia Ahas wɔ baabi a atifi fam tadeɛ no mu nsuo nam no,+ kwantempɔn a ɛkɔ ntomasifoɔ asaase so no so. 4 Ka kyerɛ no sɛ, ‘Hwɛ yie; mma biribiara nnha wo. Nsuro, na mma w’akoma nntu, gyentia mmienu a ɛpu wisie yi nti, Resin ne Siria ne Remalia ba+ no abufuhyeɛ nti. 5 Ɛfiri sɛ Siria ne Efraim ne Remalia ba no abɔ wo ho pɔ bɔne sɛ: 6 “Momma yɛnkɔ Yuda so nkɔtete ne mu* na yɛnkɔko mfa,* na yɛnsi Tabeel ba hene wɔ hɔ.”+
7 “‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie:
“Ɛrenyɛ yie,
Na ɛremma so.
8 Siria ti ne Damasko,
Na Damasko ti ne Resin.
Aka mfeɛ 65 pɛ,
Wɔbɛbubu Efraim pasaa na ɛrenyɛ ɔman bio.+
Sɛ moannya gyidie a ɛyɛ den a,
Mo ase rentim.”’”
10 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Ahas sɛ: 11 “Bisa Yehowa wo Nyankopɔn na ɔmma wo sɛnkyerɛnne bi;+ ɛbɛtumi akɔ fam akɔduru Adamena* mu tɔnn anaa akɔ soro akɔduru wiem mpo.” 12 Nanso Ahas kaa sɛ: “Meremmisa, na merensɔ Yehowa nhwɛ.”
13 Ɛnna Yesaia kaa sɛ: “Dawid fie, mesrɛ mo montie. Enti nnipa aboterɛ a moasɔ ahwɛ yi ara nnɔɔso anaa? Mopɛ sɛ mosɔ Onyankopɔn nso aboterɛ hwɛ?+ 14 Ɛno nti, Yehowa ankasa bɛma mo sɛnkyerɛnne: Hwɛ! Ababaawa* no bɛnyinsɛn awo ɔbabarima+ na wato ne din Imanuel.*+ 15 Berɛ a ɔbɛhunu sɛdeɛ wɔpo bɔne na wɔyi papa no, na ɔdi bɔta ne ɛwoɔ. 16 Ansa na abarimaa no bɛhunu sɛdeɛ wɔpo bɔne na wɔyi papa no, na wɔagya ahemfo mmienu a mosuro wɔn yi asaase ato hɔ a obiara rentena so.+ 17 Yehowa de nna bi bɛba wo so, ne wo manfoɔ so, ne w’agya fie so. Ɛfiri berɛ a Efraim tee ne ho firii Yuda ho+ no, ebi mmaa saa da, ɛfiri sɛ Onyankopɔn de Asiria hene bɛba.+
18 “Na saa da no, Yehowa bɛbɔ hwerɛma afrɛ nwansena a wɔwɔ Egypt Nil asuasu* ano nohoa ne nwowa a wɔwɔ Asiria asaase so no. 19 Wɔn nyinaa bɛba abɛsisi nsubɔn a emu dɔ ne abotan mu ntokuro mu ne nkasɛɛ so ne mmeaeɛ a nsuo wɔ nyinaa.
20 “Saa da no, Yehowa de yiwan a wɔabɔ no paa afiri Asubɔnten no* ho, kyerɛ sɛ Asiria hene,+ bɛyi etire ne nan ho nwi, na ɔde awerɛ abodwesɛ nso.
21 “Ɛda no, onipa bɛkora nantwie ba baako ne nnwan mmienu so. 22 Na nufosuo a ɛbɛbu so nti, ɔbɛdi bɔta, ɛfiri sɛ obiara a waka asaase no so bɛdi bɔta ne ɛwoɔ.
23 “Saa da no, baabi a na bobe 1,000 a ne boɔ yɛ nnwetɛbena 1,000 wɔ no, ɛhɔ bɛdane nkasɛɛ ne nwura nko ara. 24 Nnipa de bɛmma ne agyan bɛkɔ hɔ, ɛfiri sɛ asaase no nyinaa bɛdane nkasɛɛ ne nwura. 25 Na mmepɔ a kane no na wɔde asɔ dɔ so nyinaa no, worenkɔ hɔ bio, nkasɛɛ ne nwura nti; na ɛhɔ bɛdane anantwie adidibea, na nnwan adi hɔ aforosiane.”