17 Na Asiria hene somaa Tartan, Rabsaris, ne Rabsake firii Lakis+ de asraafoɔdɔm kɛseɛ kaa wɔn ho sɛ wɔnkɔ Ɔhene Hesekia nkyɛn wɔ Yerusalem.+ Wɔforo kɔɔ Yerusalem, na wɔkɔeɛ no, baabi a atifi fam tadeɛ no mu nsuo nam no, ɛhɔ na wɔkɔgyinaa wɔ kwantempɔn a ɛkɔ ntomasifoɔ asaase so no so.+