36 Na Gideon ka kyerɛɛ nokorɛ Nyankopɔn no sɛ: “Sɛ wonam me so na ɛbɛgye Israel sɛdeɛ woaka no a,+37 ɛnneɛ mede odwan nwi regu ayuporobea hɔ. Sɛ bosuo fɔ odwan nwi no nko ara, na fam hɔ nyinaa wo a, ɛnneɛ mɛhu sɛ wonam me so na ɛbɛgye Israel sɛdeɛ woaka no.”
30 “‘Wei bɛyɛ sɛnkyerɛnne ama wo:* Afe yi, mobɛdi hwiit* a ɛno ara afifi;* afe a ɛtɔ so mmienu no nso, mobɛdi hwiit a ɛno ara afifi; nanso afe a ɛtɔ so mmiɛnsa no deɛ, mobɛgu aba na moatwa, na moayeyɛ bobefuo* na moadi mu aba.+
7 Wei ne sɛnkyerɛnne a ɛfiri Yehowa hɔ a ɛbɛma woahu sɛ Yehowa bɛyɛ deɛ waka no:+8 Hwɛ, mɛma sunsum a awia ama ɛresiane wɔ Ahas stɛps* so no akɔ n’akyi anammɔn du.”’”+ Enti awia sunsum a na asiane dada wɔ stɛps no so no kɔɔ n’akyi anammɔn du.