Yesaia
6 Afe a Ɔhene Usia wuiɛ+ no, mehuu Yehowa sɛ ɔte ahennwa kokuroo a wɔama so bi so,+ na na n’ataadeɛ ano ayɛ asɔrefie hɔ ma. 2 Ná serafim gyinagyina ne nkyɛn; obiara wɔ ntaban nsia. Obiara de mmienu kata n’anim na ɔde mmienu kata ne nan ho, na wɔn mu biara de mmienu nso tu.
3 Baako ka kyerɛ baako sɛ:
“Kronkron, kronkron, kronkron ne asafo Yehowa.+
N’animuonyam ahyɛ asaase nyinaa so ma.”
4 Na nteamu no gyegyeeɛ* maa aponnwa no wosoe, na wisie hyɛɛ efie hɔ ma.+
5 Ɛnna mekaa sɛ: “Mennue!
Mawu awie,
Ɛfiri sɛ meyɛ onipa a m’ano ho nteɛ,
Na mete nkurɔfoɔ a wɔn ano ho nteɛ+ mu,
Ɛnna mede m’ani ahunu Ɔhene no, asafo Yehowa ankasa!”
6 Na serafim baako tu baa me nkyɛn, na na ɔkura gyasramma+ a ɔde adeɛ a wɔde fa egya akɔyi afiri afɔrebukyia no so+ wɔ ne nsam. 7 Ɔde kaa m’ano, na ɔkaa sɛ:
“Hwɛ! Adeɛ yi aka w’ano,
Wɔayi wo mfomsoɔ* afiri hɔ,
Na wɔapata ama wo bɔne.”
8 Afei metee Yehowa nne sɛ ɛrebisa sɛ: “Hwan na mensoma no, na hwan na ɔbɛkɔ ama yɛn?”+ Na megyee so sɛ: “Menie! Soma me!”+
9 Na ɔkaa sɛ, “Kɔ, na kɔka kyerɛ ɔman yi sɛ:
Ma wɔn aso nyɛ den,+
Na ka wɔn ani femfam so,
Na wɔamfa wɔn ani anhunu adeɛ,
Na wɔamfa wɔn aso ante asɛm,
Na wɔn akoma ante aseɛ,
Na wɔansakra annya ayaresa.”+
11 Ɛnna mebisaa sɛ: “O Yehowa, ɛnkɔsi da bɛn?” Na ɔbuaa sɛ:
“Ɛnkɔsi sɛ nkuro yi bɛsɛe adane amamfo a obi nte mu,
Na afie ada mpan a nnipa nni mu,
Na asaase no asɛe na ayɛ amamfo;+
12 Ɛnkɔsi sɛ Yehowa bɛyi nnipa akɔ akyirikyiri,+
Na asaase no adane amamfo koraa.
13 “Nanso ɛbɛka du mu nkyɛmu baako wɔ hɔ, na wɔbɛsan ahye ɛno nso, te sɛ odupɔn ne odum a wɔatwa ama aka ne dunsini; aseni* kronkron no bɛyɛ dunsini no.”