Yesaia
Ná me dɔfo wɔ bobefuo wɔ kokoɔ so, asaase pa bi so.
2 Ɔfuntum asaase no yiyii so aboɔ,
Afei ɔtwɛnee sɛ ɛbɛso bobe pa,
Nanso bobe a ɛnyɛ nko ara na ɛsoeɛ.+
Deɛn nti na m’ani da so sɛ ɛbɛso bobe pa
Na aso bobe fõ nko ara yi?
5 Afei momma menkyerɛ mo
Deɛ mɛyɛ me bobefuo no:
Mɛtutu ɛho ban,
Na wɔahye no.+
Mɛbubu n’afasuo a wɔde aboɔ ayɛ no,
Na wɔatiatia so.
Nkasɛɛ ne nwura bɛgye afa,+
Na mɛhyɛ mununkum sɛ ɔnntɔ nsuo nngu so.+
7 Asafo Yehowa bobefuo no ne Israel fie,+
Na afuo a n’ani ku ho no ne Yuda mmarima.
Ɔkɔɔ so hwɛɛ atɛntenenee kwan,+
Nanso hwɛ! ntɛnkyea na wɔbuiɛ;
Ɔhwehwɛɛ adetenenee,
Nanso hwɛ! esu ne nteateamu na ɔteeɛ.”+
8 Wɔnnue, wɔn a wɔka afie bɔ afie so,+
Na wɔhwim asaase ka asaase ho+
Kɔsi sɛ ɛkwan biara nna hɔ bio,
Na mo nko ara motena asaase no so!
9 Asafo Yehowa aka ntam agu m’asom sɛ,
Afie akɛseɛ pii a ɛyɛ fɛ
Bɛyɛ tantaantan,
Na obiara rentena mu.+
10 Bobefuo eka du* bɛma mo bobesa bat susuhina* baako pɛ,
Na modua aduaba homar susudeɛ* baako a, mobɛnya efa* baako pɛ.+
11 Wɔnnue, wɔn a wɔsɔre anɔpatutuutu kɔnom nsã a ano yɛ den,+
Wɔn a wɔtena nsã* ho ma adeɛ sa tumm kɔsi sɛ wɔbɛboro sram!
12 Wɔwɔ sankuo ne sankuten,
Mpintin, atɛntɛbɛn, ne nsã* wɔ wɔn apontoɔ ase;
Nanso Yehowa nneyɛɛ deɛ, wɔnnwene ho,
Na ne nsa ano adwuma nso, wɔnhunu.
13 Enti wɔbɛtu me man afiri wɔn asaase so akɔ,
Nimdeɛ a wɔnnie nti;+
Ɛkɔm bɛde wɔn animuonyamfoɔ,+
Na sukɔm ade wɔn nkurɔfoɔ nyinaa.
Na wabue n’anom kakraa.+
Na kuro no mu animuonyamfoɔ,* emu nnipadɔm a wɔyɛ dede, ne emufoɔ a wɔgye wɔn ani tra so
Bɛsiane akɔ hɔ.
16 Asafo Yehowa atemmuo* bɛma wayɛ kɛse;
Nokorɛ Nyankopɔn no, Ɔkronkronni+ no, nam tenenee+ so bɛte ne ho.
17 Na nnwan mma bɛdidi te sɛ deɛ wɔwɔ wɔn adidibea;
Mmeaeɛ a mmoa a wɔadɔre sradeɛ agyae hɔ adidie no, ɛhɔ na ahɔhoɔ bɛdidie.*
18 Wɔnnue, wɔn a wɔde nnaadaa nhoma twe wɔn afɔdie
Na wɔde teaseɛnam nhoma twe wɔn bɔne;
19 Wɔn a wɔka sɛ: “Ɔmma Ne ho nyɛ hare,
Ɛmmra ntɛm mma yɛnhwɛ.
20 Wɔnnue, wɔn a wɔka sɛ papa yɛ bɔne na bɔne yɛ papa,+
Wɔn a wɔde sum yɛ hann na wɔde hann yɛ sum,
Wɔn a wɔde nwononwono yɛ fremfrem na wɔde fremfrem yɛ nwononwono!
22 Wɔnnue, wɔn a wɔagye din wɔ asanom* mu
Ne wɔn a wɔyɛ akatakyie wɔ nsãfra* mu,+
23 Wɔn a wɔgye adanmudeɛ* bu ɔbɔnefoɔ bem+
Na wɔde atɛntenenee kame ɔteneneeni!+
24 Enti sɛdeɛ egya kɛtrɛma hye ɛserɛ
Na egyaframa mene serɛ a awoɔ no,
Saa ara na wɔn nhini bɛporɔ,
Na wɔn nhyerɛnee ahu akɔ sɛ mfuturo,
Ɛfiri sɛ wɔapo asafo Yehowa mmara,*
Na wɔmfa Israel Kronkronni no asɛm nyɛ hwee.+
Deɛ akɔ so nyinaa nti, ɔntwee n’abufuo nsaneeɛ,
Mmom, watene ne nsa, na ɔda so ara rekunkum.
26 Wama ahyɛnsodeɛ* bi so akyerɛ ɔman bi wɔ akyirikyiri;+
Wabɔ hwerɛma afrɛ wɔn afiri asaase ano nohoa;+
Na hwɛ! wɔde mmirika reba ntɛm.+
27 Wɔn mu biara mmrɛe anaa ɔnsuntiiɛ.
Obiara nni hɔ a ɔretɔ nko* anaa wada.
Abɔsoɔ a ɛbɔ wɔn asene nhodwoeɛ,
Na wɔn mpaboa mu ahoma nteeɛ.
Wɔpɔ kye aboa,
Na wɔde no kɔ a ɔgyefoɔ biara nni hɔ.
Obiara a ɔbɛhwɛ asaase no bɛhunu esum kabii;
Mununkum nti, hann mpo adane sum.+