Yesaia
4 Saa da no, mmaa nson bɛsosɔ ɔbarima baako mu+ aka akyerɛ no sɛ:
“Yɛbɛdi yɛn ankasa aduane
Ahyɛ yɛn ankasa ataadeɛ;
Deɛ ɛhia ara ne sɛ wode wo din bɛto yɛn so
2 Ɛda no, deɛ Yehowa bɛma afifi* no bɛyɛ fɛ na anya animuonyam, na Israelfoɔ a wɔanya wɔn tiri adidi mu no de asaase no so aba bɛhoahoa wɔn ho, na ɛbɛyɛ wɔn fɛ.+ 3 Obiara a ɔbɛka Sion a wɔbɛgya no Yerusalem no, wɔbɛfrɛ no kronkron, wɔn a wɔwɔ Yerusalem a wɔatwerɛ wɔn din sɛ wɔntena nkwa mu+ no nyinaa.
4 Sɛ Yehowa de atemmuo honhom ne egya honhom*+ hohoro Sion mma mmaa ho fĩ*+ na ɔhohoro Yerusalem mogyahwieguo nso firi ne mu a, 5 Yehowa bɛma mununkum ne wisie akata Sion Bepɔ no so nyinaa ne ne nhyiamubea so awia, na gyaframa ahyerɛn hɔ anadwo,+ ɛfiri sɛ deɛ ɛwɔ animuonyam no nyinaa bɛnya ahobammɔ. 6 Na apata* bi bɛwɔ hɔ. Awiaberɛ a ahuhuro wom no, ɛbɛma nwunu,+ na ahum ne sutɔberɛ mu nso, ayɛ dwankɔbea ne hintabea.+