Yesaia
4 Saa da no, mmaa nson bɛsɔ ɔbarima baako mu+ aka akyerɛ no sɛ: “Yɛbɛdi yɛn ara yɛn aduane ahyɛ yɛn ara yɛn atadeɛ; deɛ ɛhia ara ne sɛ wode wo din bɛto yɛn so na apra yɛn aniwuo afiri hɔ.”+
2 Ɛda no Yehowa duban+ bɛyɛ afɛfɛdeɛ ne animuonyanneɛ,+ na Israelfoɔ a wɔanya wɔn tiri adidi mu+ no de asase no so aba bɛhoahoa wɔn ho,+ na ɛbɛyɛ wɔn fɛ. 3 Afei Sion nkaefoɔ ne wɔn a wɔaka wɔ Yerusalem no bɛyɛ kronkron ama no,+ kyerɛ sɛ obiara a wɔtwerɛ ne din sɛ ɔntena Yerusalem no.+
4 Sɛ Yehowa nam atemmuo honhom ne egya honhom so+ hohoro Sion mma mmaa ho tiafi+ na ɔhohoro+ Yerusalem mogyahwieguo+ nso firi ne ho a, 5 afei Yehowa bɛma mununkum ne wisie akata Bepɔ Sion tenabea+ ne ne nhyiamubea so awia, na gyaframa+ ahyerɛn hɔ anadwo,+ ɛfiri sɛ animuonyanneɛ no nyinaa bɛnya ahobammɔ.+ 6 Na awiaberɛ a ahuhuro wom no, wɔbɛnya asese ase nwunu,+ na ahum ne osutɔberɛ mu no, wɔanya dwankɔbea ne huntabea.+