Exodus 32:32 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 32 Mesrɛ sɛ fa wɔn bɔne kyɛ wɔn,+ anyɛ saa a ɛnneɛ pepa me din+ firi nwoma+ a woatwerɛ no mu.” Adiyisɛm 3:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Enti deɛ ɔdi nkonim+ no wɔde ntadeɛ ngugusoɔ fitaa bɛhyɛ no;+ na merempepa ne din mfiri nkwa nwoma no mu da,+ na mmom mɛbɔ ne din wɔ m’Agya+ ne n’abɔfoɔ anim.+ Adiyisɛm 20:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 Afei nso obiara a wɔanhu no nkwa nwoma+ no mu no, wɔtoo no too egya tadeɛ+ no mu.
5 Enti deɛ ɔdi nkonim+ no wɔde ntadeɛ ngugusoɔ fitaa bɛhyɛ no;+ na merempepa ne din mfiri nkwa nwoma no mu da,+ na mmom mɛbɔ ne din wɔ m’Agya+ ne n’abɔfoɔ anim.+