-
Deuteronomium 31:16, 17Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
16 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Hwɛ, aka kakraa bi ama woawu,* na ɔman yi duru asaase a wɔrekɔ so no so a, wɔbɛfiri aseɛ ne anyame foforɔ a wɔatwa wɔn ho ahyia abɔ adwaman.*+ Wɔbɛfiri m’akyi+ na wɔabu m’apam a me ne wɔn yɛeɛ no so.+ 17 Saa berɛ no, me bo bɛfu wɔn dendeenden,+ na mɛpo wɔn+ na madane m’ani afiri wɔn so+ akɔsi sɛ wɔbɛsɛe wɔn. Na wɔbɛhyia ɔhaw ne abɛbrɛsɛ pii.+ Afei wɔbɛka sɛ, ‘Ɛnyɛ yɛn Nyankopɔn a ɔnni yɛn mfimfini nti na ɔhaw yi nyinaa aba yɛn so yi?’+
-