Kwadwom
א [Aleph]
2 O hwɛ sɛdeɛ Yehowa de n’abufuo akata Sion so sɛ mununkum!
Wato Israel ahoɔfɛ afiri soro ahwe fam.+
Wankae ne nan ntiasoɔ+ no n’abufuo da no.
ב [Beth]
2 Yehowa amene Yakob tenabea nyinaa; wanhu mmɔbɔ.
Wadwiri Yuda babaa nkuro a ɛyɛ den no agu fam+ wɔ n’abufuo mu.
Wato n’ahennie+ ne ne mpanimfoɔ+ agu fam de agu wɔn anim ase.*
ג [Gimel]
3 Watwa Israel ahoɔden nyinaa* agu wɔ n’abufuo mu.
Berɛ a atamfo baa yɛn so no, wammoa yɛn,*+
Na ɔdɛree wɔ Yakob mu te sɛ egya a ɛhye biribiara a atwa ho ahyia.+
ד [Daleth]
4 Wakuntunu n’agyan mu* sɛ ɔtamfo; wayɛ ne nsa nifa krado sɛ ɔsɛefoɔ;+
Ɔkunkum deɛ ɛyɛ aniwa fɛ nyinaa.+
Na wahwie n’abufuo te sɛ egya+ agu Sion ntomadan mu.+
ה [He]
Wamemene n’aban atenten nyinaa;
Wasɛe ne nkuro a ɛyɛ den no nyinaa.
Wama awerɛhoɔ ne benabɔ adɔɔso wɔ Yuda babaa mu.
ו [Waw]
6 Wabubu n’apata te sɛ sese+ a ɛsi mfikyifuo mu.
Yehowa ama wɔn werɛ afi afahyɛ ne homeda wɔ Sion,
Na n’abufuo kɛseɛ mu, wamfa ɔhene ne ɔsɔfoɔ anyɛ hwee.+
ז [Zayin]
Ɔde n’abandenden no fasuo ama atamfo.+
Wɔama wɔn nne so wɔ Yehowa fie+ sɛ afahyɛ da.
ח [Heth]
8 Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔbɛsɛe Sion babaa fasuo.+
Watwe susuhoma mu.+
Ɔnyii ne nsa mfirii ɔsɛeɛ ho.*
Wama n’akoban* ne ɔfasuo redi awerɛhoɔ.
Ne nyinaa agyigya.
ט [Teth]
9 N’apono amemem kɔ asaase mu.+
Wasɛe deɛ ɔde abrambram n’apono akyi no abubu mu.
Ne hene ne ne mpanimfoɔ wɔ amanaman no mu.+
Mmara* biara nni hɔ; n’adiyifoɔ mpo nnya anisoadehunu biara mfiri Yehowa hɔ.+
י [Yod]
10 Sion babaa mpanimfoɔ tete fam ayɛ komm.+
Wɔto mfuturo gu wɔn tirim, na wɔfirafira awerɛhoɔ ntoma.*+
Yerusalem mmaabunu asisi wɔn tiri ase.
כ [Kaph]
11 Mate nisuo ama m’ani ayɛ kɔɔ.+
Me nsono mu retwa me.
Me man babaa ahweaseɛ nti, wɔahwie me mmerɛboɔ agu fam,*+
Mmɔfra ne nkɔkoa a wɔayɛ kagyaa wɔ kuro no mmɔnten so nti.+
ל [Lamed]
12 Berɛ a wɔayɛ kagyaa te sɛ obi a wɔapira no ama ɔda kuro no mmɔnten so,
Na wɔda wɔn maamenom nsa so a wɔn nkwa* refiri wɔn mu no,
Wɔbisa wɔn maamenom sɛ: “Ɛhe na aduane ne bobesa wɔ?”+
מ [Mem]
O Sion babaa, ɔbaabunu, ɛdeɛn na memfa wo ntoto ho nyɛ awerɛkyekyerɛ mma wo?
Ɛfiri sɛ w’ahweaseɛ so sɛ ɛpo.+ Hwan na ɔbɛtumi asa wo yareɛ?+
נ [Nun]
14 Anisoadehunu a w’adiyifoɔ nya maa wo no, ɛyɛ atorɔ ne nnaadaa,+
Wɔamma woanhunu wo mfomsoɔ, anka wɔankye wo ankɔ.+
Mmom anisoadehunu a wɔka kyerɛɛ wo no nyinaa yɛ atorɔ ne nnaadaa.+
ס [Samekh]
15 Wɔn a wɔtwam wɔ kwan so nyinaa bɔ wɔn nsam gu wo so.+
Wɔtɛɛ wɔn anom*+ woso wɔn ti gu Yerusalem babaa no so, na wɔka sɛ:
“Kuro a na wɔfrɛ no ‘Ahoɔfɛ a ɛwie pɛyɛ, asaase nyinaa anigyeɛ’ no, ɛno nie?”+
פ [Pe]
Wɔtɛɛ wɔn anom,* na wɔka wɔn se si so dendeenden. Na wɔka sɛ: “Yɛamene no.+
Ɛda yi na na yɛrehwɛ kwan!+ Aba, na yɛahunu!”+
ע [Ayin]
Wadwiri agu, na wanhu mmɔbɔ.+
Wama ɔtamfo adi wo ho ahurisie; wama w’atamfo ahoɔden* ayɛ kɛse.
צ [Tsade]
18 O Sion babaa fasuo, ɔman no de wɔn akoma nyinaa su frɛ Yehowa.
Ma nisuo ntene awia ne anadwo te sɛ asubɔnten.
Nnye w’ahome. Mma w’ani* nnhome.
ק [Qoph]
19 Sɔre! Su anadwo, berɛ a awɛmfoɔ dɔn afiri aseɛ.
Hwie w’akoma gu Yehowa anim sɛ nsuo.
Ma wo nsa so kyerɛ no, na ama wo mma anya nkwa,*
Wɔn a ɛkɔm nti wɔayɛ kagyaa wɔ mmɔnten ntwea* so baabiara no.+
ר [Resh]
20 O Yehowa, hwɛ; hwɛ deɛ wo ne no adi no yayaaya saa no.
Ɛsɛ sɛ mmaa kɔ so we wɔn mma,* wɔn mma a wɔte apɔ+ a wɔawo wɔn no anaa?
Anaa ɛsɛ sɛ wɔkum asɔfoɔ ne adiyifoɔ wɔ Yehowa kronkronbea hɔ?+
ש [Shin]
21 Mmarimaa ne nkɔkoraa awuwu gugu fam wɔ mmɔnten so.+
Me mmaabunu* ne me mmeranteɛ awuwu sekan ano.+
Wokunkum wɔn w’abufuo da no; wokunkum wɔn na woanhu wɔn mmɔbɔ.+
ת [Taw]