Kwadwom
א [Aleph]
3 Mene barima a mede m’ani ahunu amanehunu a n’abufuo abaa no de aba no.
2 Wapamo me; wama manante sum mu, na ɛnyɛ hann mu.+
3 Ampa, ɔde ne nsa ko tia me da mu nyinaa.+
ב [Beth]
4 Wama me honam ne me wedeɛ atwintwam;
Wabubu me nnompe mu.
5 Wagye me ho ban; ɔde awuduro a ɛyɛ nwono+ ne amanehunu atwa me ho ahyia.
6 Wahyɛ me ama matena sum mu te sɛ nnipa a wɔawuwu dadaada.
ג [Gimel]
8 Sɛ mesu hwehwɛ mmoa dendeenden a, ɔntie me mpaebɔ.*+
ד [Daleth]
10 Ɔtetɛ baabi twɛn me te sɛ sisire, te sɛ gyata a wahinta.+
12 Wakuntunu n’agyan mu,* na ɔde agyan no akyerɛ me so.
ה [He]
13 Ɔde ne kotokuo mu agyan* awɔ m’asaabo mu.
14 Madane obi a aman nyinaa hwɛ no sere; wɔde me to dwom daa nyinaa.
ו [Waw]
17 Woama asomdwoeɛ abɔ me;* me werɛ afi adepa.
18 Enti meka sɛ: “M’animuonyam ayera, na m’anidasoɔ a ɛwɔ Yehowa mu nso asa.”
ז [Zayin]
19 Kae m’amanehunu ne sɛdeɛ mayɛ adedamfikyi no,+ na kae awɔnwono ne awuduro a ɛyɛ nwono no.+
20 Deɛ ɛbɛyɛ biara, wobɛkae* na woakoto aboa me.+
21 Mekae wei wɔ m’akomam. Ɛno nti na mede ntoboaseɛ bɛtwɛn no.+
ח [Heth]
23 Ɛyɛ foforɔ anɔpa biara;+ wo nokorɛdie dɔɔso.+
24 Maka* sɛ: “Yehowa ne me kyɛfa,+ ɛno nti na mede ntoboaseɛ bɛtwɛn no no.”+
ט [Teth]
25 Yehowa yɛ ma deɛ ɔde no ayɛ n’anidasoɔ,+ onipa* a ɔhwehwɛ no daa no.+
26 Ɛyɛ sɛ onipa bɛyɛ komm atwɛn*+ Yehowa nkwagyeɛ.+
27 Ɛyɛ sɛ ɔbarima bɛsoa kɔndua wɔ ne mmeranteberɛm.+
י [Yod]
28 Sɛ Ɔde to ne so a, ma ɔno nko ara ntena hɔ na ɔnyɛ komm.+
29 Ma ɔmfa n’ano mmutu dɔteɛ mu;+ ebia na anidasoɔ bi wɔ hɔ.+
30 Ma ɔnnane n’asom mma deɛ ɔbɔ no; ma adapaatwa ntumi no.
כ [Kaph]
31 Ɛfiri sɛ Yehowa rento yɛn ntwene daa.+
32 Wama yɛadi awerɛhoɔ deɛ, nanso ɔbɛhu yɛn mmɔbɔ ɛsiane ne dɔ bebrebe a ɛnni hwammɔ no nti.+
33 Ɛfiri sɛ ɛnni n’akomam sɛ ɔbɛma nnipa mma ahunu amane anaa ɔbɛhyɛ wɔn awerɛhoɔ.+
ל [Lamed]
34 Sɛ obi pɛkyɛ asaase so nneduafoɔ nyinaa wɔ ne nan ase,+
35 Sɛ obi bu ɔbarima atɛnkyea wɔ Ɔsorosoroni no anim,+
36 Sɛ obi sisi obi wɔ n’asɛnnie mu a,
Ne nyinaa Yehowa nsosɔ so.
מ [Mem]
37 Hwan paa na ɔbɛtumi aka biribi ama no aba mu berɛ a Yehowa nhyɛeɛ?
38 Nneɛma bɔne ne nneɛma pa;
Ne mmienu no rentumi mmom mfiri Ɔsorosoroni no anom mma.
39 Adɛn nti na ɛsɛ sɛ onipa a ɔte ase nwiinwii wɔ ne bɔne+ ho nsunsuansoɔ ho?
נ [Nun]
40 Momma yɛnhwehwɛ yɛn akwan mu na yɛmpɛɛpɛɛ mu,+ na yɛnsan nkɔ Yehowa nkyɛn.+
41 Momma yɛmma yɛn akoma ne yɛn nsa so nkyerɛ Onyankopɔn wɔ soro+ na yɛnka sɛ:
42 “Yɛayɛ bɔne, na yɛate atua,+ na woamfa ankyɛ.+
ס [Samekh]
44 Wode mununkum asi kwan a ɛba wo nkyɛn no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛn mpaebɔ remfa mu.+
45 Woama yɛadane nwura dodoɔ ne sumina* wɔ amanaman no mu.”
פ [Pe]
46 Yɛn atamfo nyinaa sere yɛn.*+
47 Ehu ne amena na atwa yɛn ho ahyia,+ amamfo ne ɔsɛeɛ.+
48 Me man babaa a wɔasɛe no nti, nsuo nam m’ani ase waawaa.+
ע [Ayin]
51 Deɛ m’ani ahunu ama me* werɛ aho, me kuro mma mmaa nyinaa nti.+
צ [Tsade]
52 M’atamfo ahwehwɛ me akye me sɛ anomaa, nanso menyɛɛ hwee.
53 Wɔatwa me nkwa so wɔ amena mu; wɔtotoo aboɔ boroo me.
54 Nsuo bu faa me tiri so, na mekaa sɛ: “Mawu awie!”
ק [Qoph]
55 O Yehowa, mebɔɔ wo din frɛɛ wo firii amena ase tɔnn.+
56 Tie me nne; mesu frɛ wo sɛ boa me na ma mennya ahotɔ a, nsisi w’aso.
57 Ɛda a mefrɛɛ wo no, wotwe bɛneeɛ. Wokaa sɛ: “Nsuro.”
ר [Resh]
58 O Yehowa, woadi m’asɛm* ama me. Woagye me nkwa.+
59 O Yehowa, woahunu bɔne a wɔde ayɛ me. Mepa wo kyɛw, bu atɛntenenee ma me.+
60 Woahunu wɔn awerɛdie nyinaa, ɛpɔ a wɔabɔ wɔ me ho nyinaa.
ש [Sin] anaa [Shin]
61 O Yehowa, woate wɔn adapaatwa, ɛpɔ a wɔabɔ wɔ me ho nyinaa;+
62 Woate wɔn a wɔsɔre tia me no anom asɛm ne huhuhuhu a wɔyɛ wɔ me ho daa nyinaa no.
63 Hwɛ wɔn. Sɛ wɔte hɔ oo, wɔgyina hɔ oo, wɔto dwom de bɔ me akutia!
ת [Taw]
64 O Yehowa, wobɛtua wɔn ka sɛdeɛ wɔn nnwuma teɛ.
65 Wobɛma wɔn akoma ayɛ den; ɛno ne nnome a wode bɛba wɔn so.
66 Yehowa, wobɛti wɔn wɔ w’abufuo mu, na woasɛe wɔn afiri wo soro ase.