14 na sɛ me man a me din da wɔn so no+ brɛ wɔn ho ase+ na wɔbɔ mpaeɛ hwehwɛ m’akyiri akwan, na wɔtwe wɔn ho firi wɔn akwammɔne ho+ a, ɛnneɛ me nso mɛfiri ɔsoro atie na mede wɔn bɔne akyɛ wɔn, na masa wɔn asaase yareɛ.+
27 ɛsiane sɛ woamma w’akoma anyɛ den* na wobrɛɛ wo ho ase wɔ Onyankopɔn anim berɛ a wotee nsɛm a wɔaka wɔ kuro yi ne wɔn a wɔtete mu ho, na wobrɛɛ wo ho ase m’anim, na wosuan w’ataadeɛ mu suu m’anim nti, me nso matie wo,+ Yehowa asɛm nie.