Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Deuteronomium 30:1-3
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 30 “Sɛ nsɛm yi nyinaa ba mu wɔ wo so, kyerɛ sɛ nhyira ne nnome a mede asi w’anim yi,+ na wokae*+ no aman a Yehowa wo Nyankopɔn apamo wo kɔ so no nyinaa mu,+ 2 na sɛ wosan ba Yehowa wo Nyankopɔn nkyɛn+ na wo ne wo mma de mo akoma nyinaa ne mo kra* nyinaa tie n’ahyɛdeɛ a mede rema wo nnɛ yi a,+ 3 ɛnneɛ Yehowa wo Nyankopɔn de wo nkurɔfoɔ a wɔakɔdi aman foforɔ so no bɛba+ na wahu wo mmɔbɔ,+ na ɔbɛsan aboaboa mo ano afiri aman a Yehowa wo Nyankopɔn pamoo wo kɔɔ so no nyinaa mu.+

  • Deuteronomium 30:8-10
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 8 “Afei wobɛsan atie Yehowa asɛm na woadi ne mmara nsɛm a mede rema wo nnɛ yi nyinaa so. 9 Yehowa wo Nyankopɔn bɛhwie nhyira pii agu wo nsa ano adwuma so,+ na wo mma bɛdɔɔso, na wo nyɛmmoa ase bɛtrɛ na w’afuo mu nnɔbaeɛ abu so, na Yehowa bɛpɛ w’asɛm bio na wama no asi wo yie sɛdeɛ na ɔpɛ w’agyanom asɛm no.+ 10 Saa berɛ no, wobɛtie Yehowa wo Nyankopɔn asɛm na woadi ne mmara ne n’ahyɛdeɛ a wɔatwerɛ wɔ Mmara nwoma yi mu no so, na wode w’akoma nyinaa ne wo kra* nyinaa bɛsan aba Yehowa wo Nyankopɔn nkyɛn.+

  • 1 Ahemfo 8:48, 49
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 48 na sɛ wɔde wɔn akoma nyinaa ne wɔn kra* nyinaa san ba wo nkyɛn+ wɔ asaase a wɔn atamfo kyee wɔn kɔɔ so no so, na sɛ wɔde wɔn ani kyerɛ asaase a wode maa wɔn agyanom ne kuro a woayi ne efie a masi ama wo din no bɔ mpaeɛ a,+ 49 ɛnneɛ firi ɔsoro, wo tenabea hɔ tie+ wɔn mpaebɔ ne wɔn nkotosrɛ, na di wɔn asɛm ma wɔn;

  • Yeremia 29:13
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 13 “‘Mobɛhwehwɛ me na moahu me,+ ɛfiri sɛ mode mo akoma nyinaa na ɛbɛhwehwɛ me.+

  • Yoel 2:12
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 12 “Enti afei,” Yehowa asɛm nie, “momfiri mo akoma nyinaa mu nsan mmra me nkyɛn;+

      Momfa akɔnkyene*+ ne esu ne agyaadwo mmra.

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane