Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Deuteronomium 4:29
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 29 “Sɛ wode w’akoma nyinaa ne wo kra*+ nyinaa hwehwɛ Yehowa wo Nyankopɔn wɔ hɔ a, ɛkwan biara so wobɛhu no.+

  • Deuteronomium 30:1-4
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 30 “Sɛ nsɛm yi nyinaa ba mu wɔ wo so, kyerɛ sɛ nhyira ne nnome a mede asi w’anim yi,+ na wokae*+ no aman a Yehowa wo Nyankopɔn apamo wo kɔ so no nyinaa mu,+ 2 na sɛ wosan ba Yehowa wo Nyankopɔn nkyɛn+ na wo ne wo mma de mo akoma nyinaa ne mo kra* nyinaa tie n’ahyɛdeɛ a mede rema wo nnɛ yi a,+ 3 ɛnneɛ Yehowa wo Nyankopɔn de wo nkurɔfoɔ a wɔakɔdi aman foforɔ so no bɛba+ na wahu wo mmɔbɔ,+ na ɔbɛsan aboaboa mo ano afiri aman a Yehowa wo Nyankopɔn pamoo wo kɔɔ so no nyinaa mu.+ 4 Sɛ wo nkurɔfoɔ no ahwete akɔduru ɔsoro akyirikyiri tɔnn mpo a, Yehowa wo Nyankopɔn bɛboaboa mo ano afiri hɔ aba.+

  • 1 Ahemfo 8:47, 48
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 47 na sɛ wɔn ani ba wɔn ho so wɔ asaase a wɔkyee wɔn kɔɔ so no so,+ na wɔsan ba wo nkyɛn+ bɛkoto srɛ wo wɔ asaase a wɔkyee wɔn kɔɔ so no so+ na wɔka sɛ, ‘Yɛayɛ bɔne, yɛafom, na yɛadi amumuyɛsɛm,’+ 48 na sɛ wɔde wɔn akoma nyinaa ne wɔn kra* nyinaa san ba wo nkyɛn+ wɔ asaase a wɔn atamfo kyee wɔn kɔɔ so no so, na sɛ wɔde wɔn ani kyerɛ asaase a wode maa wɔn agyanom ne kuro a woayi ne efie a masi ama wo din no bɔ mpaeɛ a,+

  • Yeremia 24:7
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 7 Na mɛma wɔanya akoma a wɔde bɛhunu sɛ mene Yehowa.+ Wɔbɛyɛ me man na me nso mayɛ wɔn Nyankopɔn,+ ɛfiri sɛ wɔde wɔn akoma nyinaa bɛsan aba me nkyɛn.+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane