Yeremia
29 Odiyifoɔ Yeremia krataa no mu nsɛm nie. Ɔsoma maa wɔde firii Yerusalem kɔmaa wɔn a wɔtuu wɔn ase kɔeɛ no mpanimfoɔ a aka, ne asɔfoɔ, ne adiyifoɔ, ne ɔmanfoɔ a na Nebukadnesar atu wɔn afiri Yerusalem kɔ Babilon no nyinaa. 2 Ɔde krataa no kɔe berɛ a Ɔhene Yekonia,+ ne ɔhemmaa,*+ ne ahemfie mpanimfoɔ, ne Yuda ne Yerusalem mpanimfoɔ, ne adwumfoɔ ne atomfoɔ* no firi Yerusalem kɔeɛ no.+ 3 Ɔde krataa no somaa Safan+ ba Elasa ne Hilkia ba Gemaria a Yuda hene Sedekia+ somaa wɔn Babilon sɛ wɔnkɔ Babilon hene Nebukadnesar nkyɛn no. Emu nsɛm nie:
4 “Wei na asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no reka akyerɛ wɔn a wɔtuu wɔn ase kɔeɛ no nyinaa, wɔn a memaa wɔde wɔn firii Yerusalem kɔɔ Babilon no, 5 ‘Monsisi adan na montenatena mu. Monyɛ nturo na monni mu aba. 6 Monwareware yerenom na monwo mma mmarima ne mma mmaa. Monwareware yerenom mma mo mma mmarima na momfa mo mma mmaa mma aware, na wɔn nso wɔnwo mma mmarima ne mma mmaa. Monnɔɔso wɔ hɔ, na mommma mo dodoɔ so nnte. 7 Na monhwehwɛ asomdwoeɛ mma kuro a mama wɔatu mo ase kɔ mu no, na mommɔ Yehowa mpaeɛ mma kuro no, ɛfiri sɛ sɛ ɛnya asomdwoeɛ a na mo nso mobɛnya asomdwoeɛ.+ 8 Na deɛ asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka nie: “Mommma mo adiyifoɔ ne wɔn a mokɔ wɔn nkyɛn abisa a wɔwɔ mo mu no nnnaadaa mo,+ na monntie wɔn adaeɛ a wɔsoso no. 9 Ɛfiri sɛ ‘nkɔm a ɛnyɛ nokorɛ na wɔhyɛ kyerɛ mo wɔ me din mu. Mensomaa wɔn,’+ Yehowa asɛm nie.”’”
10 “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Sɛ mfeɛ 70 no ba awieeɛ wɔ Babilon a, mɛtwa m’ani abɛhwɛ mo,+ na bɔ a mehyɛɛ sɛ mɛsan de mo aba ha no, mɛma no aba mu.’+
11 “‘Na me ara menim adwene a madwene no wɔ mo ho,’ Yehowa asɛm nie. ‘Ɛyɛ asomdwoeɛ adwene, na ɛnyɛ mmusuo;+ ɛne sɛ, mɛma mo daakye ne anidasoɔ.+ 12 Mobɛfrɛ me, na mobɛba abɛbɔ me mpaeɛ, na mɛtie mo.’+
13 “‘Mobɛhwehwɛ me na moahu me,+ ɛfiri sɛ mode mo akoma nyinaa na ɛbɛhwehwɛ me.+ 14 Mɛma moahu me,’+ Yehowa asɛm nie. ‘Na mɛboaboa mo nkurɔfoɔ a wɔakye wɔn kɔ no ano, na mɛyi mo afiri aman nyinaa mu ne mmeaeɛ a mebɔɔ mo hweteeɛ no nyinaa na maboa mo ano,’+ Yehowa asɛm nie. ‘Na mɛsan de mo aba baabi a metuu mo ase firiiɛ no.’+
15 “Nanso moka sɛ, ‘Yehowa ama yɛn adiyifoɔ wɔ Babilon.’
16 “Wei ne deɛ Yehowa aka akyerɛ ɔhene a ɔte Dawid ahennwa so+ ne nnipa a wɔtete kuro yi mu nyinaa, mo nuanom a wɔantu wɔn ase anka mo ho ankɔ no. 17 ‘Deɛ asafo Yehowa aka nie: “Hwɛ, mede sekan ne ɛkɔm ne nsanyareɛ a ɛdi awuo* reba wɔn so,+ na mɛma wɔayɛ sɛ borɔdɔma a aporɔ,* borɔdɔma a ɛnyɛ koraa a wodi a ɛnyɛ yie.”’+
18 “‘Na mede sekan+ ne ɛkɔm ne nsanyareɛ a ɛdi awuo bɛtaa wɔn so, na mɛma wɔadane biribi a ɛyɛ hu ama asaase so ahennie nyinaa,+ na mɛma wɔayɛ nnome ne adeɛ a ɛyɛ ahodwire ne adeɛ a nkurɔfoɔ bɛtɛɛ wɔn anom ahwɛ*+ ne adeɛ a ɛyɛ animguaseɛ wɔ aman a mɛbɔ wɔn ahwete so no nyinaa mu,+ 19 ɛfiri sɛ wɔantie me nsɛm a mede somaa me nkoa adiyifoɔ no kɔmaa wɔn no,’ Yehowa asɛm nie. ‘Na mesomaa wɔn mprɛ pii.’*+
“‘Nanso moantie,’+ Yehowa asɛm nie.
20 “Ɛno nti, mo a wɔatu mo ase kɔ nyinaa, mo a mede mo firii Yerusalem kɔɔ Babilon no, montie Yehowa asɛm. 21 Deɛ asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka afa Kolaia ba Ahab ne Maaseia ba Sedekia a wɔhyɛ nkɔm a ɛnyɛ nokorɛ wɔ me din mu no ho nie,+ ‘Hwɛ, mede wɔn bɛhyɛ Babilon hene Nebukadnesar* nsa, na ɔbɛkunkum wɔn wɔ mo anim. 22 Na deɛ ɛbɛto wɔn no, Yudafoɔ a wɔatu wɔn kɔ Babilon no de bɛdome, na wɔaka sɛ: “Yehowa nyɛ wo sɛ Sedekia ne Ahab a Babilon hene tõtõõ wɔn wɔ gya mu no!” 23 Ɛfiri sɛ wɔayɛ aniwudeɛ wɔ Israel;+ wɔne wɔn yɔnko yerenom sɛee awareɛ, na wɔkaa nsɛm a ɛnyɛ nokorɛ wɔ me din mu berɛ a menhyɛɛ wɔn saa.+
“‘“Me na menim, na mene ɛho danseni,”+ Yehowa asɛm nie.’”
24 “Semaia+ a ɔfiri Nehelam nso, ka kyerɛ no sɛ, 25 ‘Deɛ asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka nie: “Wode nkrataa akɔma nnipa a wɔwɔ Yerusalem nyinaa, ne Maaseia ba ɔsɔfoɔ Sefania,+ ne asɔfoɔ no nyinaa wɔ wo din mu sɛ, 26 ‘Yehowa ayɛ wo ɔsɔfoɔ de wo asi ɔsɔfoɔ Yehoiada anan sɛ hwɛ Yehowa fie so, na hwɛ kye bɔdamni biara a ɔbɛyɛ n’adeɛ sɛ odiyifoɔ, na fa ne nan ne ne nsa bɔ dua mu, na fa adeɛ bram ne kɔn akyi;*+ 27 enti Yeremia a ɔfiri Anatot a wayɛ ne ho sɛ mo diyifoɔ no, adɛn nti na montwii n’anim?+ 28 Ɛno nti na wasoma aba yɛn nkyɛn wɔ Babilon ha abɛka sɛ: “Ɛbɛkyɛ! Monsisi adan na montenatena mu. Monyɛ nturo na monni mu aba,+—”’”’”
29 Berɛ a ɔsɔfoɔ Sefania+ kenkan krataa yi kyerɛɛ odiyifoɔ Yeremia no, 30 Yehowa ka kyerɛɛ Yeremia sɛ: 31 “Soma kɔka kyerɛ wɔn a wɔatu wɔn ase de wɔn kɔ no nyinaa sɛ, ‘Deɛ Yehowa aka wɔ Semaia a ɔfiri Nehelam ho nie: “Ɛsiane sɛ Semaia ahyɛ mo nkɔm berɛ a mensomaa no, na ɔyɛɛ sɛ ɔbɛma mode mo ho ato asɛm a ɛyɛ atorɔ so nti,+ 32 deɛ Yehowa aka nie, ‘Hwɛ, meredane m’ani aba Semaia a ɔfiri Nehelam ne n’asefoɔ so. Ne busuani baako mpo renka ɔman yi mu, na ɔremfa n’ani nhunu papa a mɛyɛ me man no,’ Yehowa asɛm nie, ‘ɛfiri sɛ wahyɛ nkurɔfoɔ nkuran sɛ wɔnte atua ntia Yehowa.’”’”