Yeremia
28 Saa afe no ara mu, Yuda hene Sedekia+ ahennie no mfitiaseɛ, afe a ɛtɔ so nnan, bosome a ɛtɔ so nnum no, Asor ba odiyifoɔ Hanania a ɔfiri Gibeon+ no ka kyerɛɛ me wɔ asɔfoɔ no ne ɔman no nyinaa anim wɔ Yehowa fie hɔ sɛ: 2 “Deɛ asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka nie, ‘Mɛbubu Babilon hene kɔndua no mu.+ 3 Akyɛ ara ne mfeɛ* mmienu, mɛsan de Yehowa fie nneɛma a Babilon hene Nebukadnesar de firi ha kɔɔ Babilon no nyinaa aba ha bio.’”+ 4 “‘Na mɛsan de Yehoiakim+ ba Yekonia+ a ɔyɛ Yuda hene ne Yudafoɔ a wɔtuu wɔn ase kɔɔ Babilon no nyinaa aba ha bio,’+ Yehowa asɛm nie, ‘ɛfiri sɛ mɛbubu Babilon hene kɔndua no mu.’”
5 Ɛnna odiyifoɔ Yeremia kaa asɛm yi kyerɛɛ odiyifoɔ Hanania wɔ asɔfoɔ no ne ɔmanfoɔ a wɔgyinagyina Yehowa fie hɔ no nyinaa anim. 6 Odiyifoɔ Yeremia kaa sɛ: “Amen!* Yehowa nyɛ saa! Nsɛm a wode ahyɛ nkɔm sɛ wɔbɛsan de Yehowa fie nneɛma no ne wɔn a wɔtuu wɔn ase kɔeɛ no nyinaa afiri Babilon aba ha no, Yehowa mma no mmra mu! 7 Nanso mepa wo kyɛw, tie asɛm a mereka wɔ w’asom ne ɔman yi nyinaa asom yi. 8 Tete no, adiyifoɔ a wɔdii me ne wo nyinaa kan no hyɛɛ nsaase pii ne ahennie akɛseɛ ho nkɔm sɛ ɛko ne mmusuo ne nsanyareɛ a ɛdi awuo bɛba wɔn so. 9 Sɛ odiyifoɔ bi hyɛ asomdwoeɛ ho nkɔm, na sɛ saa odiyifoɔ no nsɛm ba mu a, ɛnneɛ obiara bɛhunu sɛ Yehowa na ɔsomaa saa odiyifoɔ no ampa.”
10 Ɛnna odiyifoɔ Hanania yii kɔndua no firii odiyifoɔ Yeremia kɔn ho, na ɔbubuu mu.+ 11 Na Hanania kaa no wɔ ɔman no nyinaa anim sɛ: “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Saa na mɛbubu Babilon hene Nebukadnesar kɔndua no afiri aman nyinaa kɔn ho; akyɛ ara ne mfeɛ mmienu.’”+ Ɛnna odiyifoɔ Yeremia siim kɔɔ ne kwan.
12 Berɛ a odiyifoɔ Hanania yii kɔndua no firii odiyifoɔ Yeremia kɔn ho bubuu mu wieeɛ no, Yehowa asɛm yi baa Yeremia nkyɛn sɛ: 13 “Kɔ na kɔka kyerɛ Hanania sɛ, ‘Deɛ Yehowa aka nie: “Dua kɔndua na woabubu mu;+ dadeɛ kɔndua na wobɛyɛ asi ananmu.” 14 Na deɛ asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka nie: “Mede dadeɛ kɔndua bɛto aman yi nyinaa kɔn ho ama wɔasom Babilon hene Nebukadnesar, na wɔbɛsom no.+ Wuram mmoa mpo, mede wɔn bɛma no.”’”+
15 Na odiyifoɔ Yeremia ka kyerɛɛ odiyifoɔ Hanania+ sɛ: “O Hanania, mepa wo kyɛw, tie! Yehowa nsomaa wo, nanso woama ɔman yi de wɔn ho ato asɛm a ɛyɛ atorɔ so.+ 16 Enti deɛ Yehowa aka nie, ‘Hwɛ! Mereyi wo afiri asaase so. Afe yi, wobɛwu, ɛfiri sɛ woahyɛ nkurɔfoɔ nkuran sɛ wɔnte atua ntia Yehowa.’”+
17 Enti odiyifoɔ Hanania wuu saa afe no ara mu, bosome a ɛtɔ so nson no mu.