37 O ɔhene, woyɛ ahemfo mu hene, na wo na ɔsoro Nyankopɔn no de ahennie+ ne tumi ne ahoɔden ne animuonyam ama wo, 38 na baabiara a nnipa mma ne wuram mmoa ne wiem nnomaa teɛ no, ɔde wɔn ahyɛ wo nsa, na ɔde wo asi wɔn nyinaa so.+ Wone etire a ɛyɛ sika kɔkɔɔ no.+