8 Yehoiakin+ bɛdii hene no, na wadi mfeɛ 18, na ɔdii adeɛ abosome mmiɛnsa wɔ Yerusalem.+ Ne maame din de Nehusta, na na ɔyɛ Elnatan a ɔfiri Yerusalem no ba.
27 Berɛ a wɔkyee Yuda hene Yehoiakin+ kɔeɛ no, afe a ɛtɔ so 37, bosome a ɛtɔ so 12 no da a ɛtɔ so 27 no, Babilon hene Ewil-Merodak afe a ɔbɛyɛɛ ɔhene no, ɔyii Yuda hene Yehoiakin* firii afiase.+
37Na Yosia ba Ɔhene Sedekia+ bɛsii Yehoiakim ba Konia*+ anan, na ɔfirii aseɛ dii adeɛ, ɛfiri sɛ Babilon hene Nebukadnesar* sii no hene wɔ Yuda asaase so.+