14 Ɛnna Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: “Nkɔm a ɛnyɛ nokorɛ na adiyifoɔ no rehyɛ wɔ me din mu.+ Mensomaa wɔn, menhyɛɛ wɔn, na me ne wɔn nkasae.+ Atorɔ anisoadehunu ne abosonkɔm hunu ne wɔn ankasa akomam nnaadaasɛm na wɔde hyɛ nkɔm kyerɛ mo.+
15 “‘Mensomaa wɔn,’ Yehowa asɛm nie, ‘na nkɔm a ɛnyɛ nokorɛ na wɔhyɛ wɔ me din mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mɛbɔ mo ahwete, na moayera, mo ne adiyifoɔ a wɔhyɛ nkɔm kyerɛ mo no nyinaa.’”+