25 “Mate deɛ adiyifoɔ a wɔhyɛ nkɔm a ɛnyɛ nokorɛ wɔ me din mu rekeka no sɛ, ‘Maso daeɛ! Maso daeɛ!’+26 Adwene a adiyifoɔ no wɔ sɛ wɔbɛhyɛ nkɔm a ɛnyɛ nokorɛ no, ɛbɛkɔ so wɔ wɔn akomam akɔsi da bɛn? Wɔyɛ adiyifoɔ a wɔka wɔn akomam nnaadaasɛm.+
21 Deɛ asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka afa Kolaia ba Ahab ne Maaseia ba Sedekia a wɔhyɛ nkɔm a ɛnyɛ nokorɛ wɔ me din mu no ho nie,+ ‘Hwɛ, mede wɔn bɛhyɛ Babilon hene Nebukadnesar* nsa, na ɔbɛkunkum wɔn wɔ mo anim.