9 Mogye di sɛ mobɛtumi abɔ korɔno,+ adi awu, asɛe awareɛ, akeka ntam hunu,+ abɔ afɔreɛ* ama Baal,+ akɔdi anyame a monnim wɔn akyi, 10 na moyɛ akyiwadeɛ yi nyinaa wie a, moasan abɛgyina m’anim wɔ efie a me din da so yi mu aka sɛ, ‘Wɔbɛgye yɛn nkwa’?
15 “‘Mensomaa wɔn,’ Yehowa asɛm nie, ‘na nkɔm a ɛnyɛ nokorɛ na wɔhyɛ wɔ me din mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mɛbɔ mo ahwete, na moayera, mo ne adiyifoɔ a wɔhyɛ nkɔm kyerɛ mo no nyinaa.’”+