-
Yeremia 29:31, 32Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
31 “Soma kɔka kyerɛ wɔn a wɔatu wɔn ase de wɔn kɔ no nyinaa sɛ, ‘Deɛ Yehowa aka wɔ Semaia a ɔfiri Nehelam ho nie: “Ɛsiane sɛ Semaia ahyɛ mo nkɔm berɛ a mensomaa no, na ɔyɛɛ sɛ ɔbɛma mode mo ho ato asɛm a ɛyɛ atorɔ so nti,+ 32 deɛ Yehowa aka nie, ‘Hwɛ, meredane m’ani aba Semaia a ɔfiri Nehelam ne n’asefoɔ so. Ne busuani baako mpo renka ɔman yi mu, na ɔremfa n’ani nhunu papa a mɛyɛ me man no,’ Yehowa asɛm nie, ‘ɛfiri sɛ wahyɛ nkurɔfoɔ nkuran sɛ wɔnte atua ntia Yehowa.’”’”
-